Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

38 • Ko Gyidie Ko Pa no

Woyε Nyankopɔn (Te Deum Laudamus) Woyε Nyankopɔn: yεkamfo wo; Woyε Awurade; yεyi wo ayε;

Woyε onniawieeε Agya: Abɔdeε nyinaa som wo. Wo na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa, tumi a εwɔ ɔsoro nyinaa, kerubim ne serafim, to ayεyie nnwom a εtoɔ ntwa da ma: Kronkron, kronkron, kronkron Awurade, tumi ne ahoɔden Nyankopɔn, W’animuonyam ahyε ɔsoro ne asase ma. Asomafoɔ animuonyam asafo yi wo ayε. Nkɔmhyεfoɔ animuonyamfoɔ kuo yi wo ayε. Mogyadansefoɔ asraafoɔ a wɔhyehyε batakari fitaa yi wo ayε. Asɔre kronkron a εwɔ wiase afanan nyinaa kamfo wo; Agya, a wowɔ tumi a εnni ano, wo nokorε Ba koro, a ɔfata ɔsɔreε nyinaa, ne Honhom Kronkron no, gyina akyire na wɔkyerε kwan. Wo, Kristo, ne animuonyam hene, Agya no daa nkwa Ba no. Wobεyεε onipa maa yεn fahodie no woampo ɔbaabunu no awotwaa. Wodii owuo borɔ so nkonim na wobuee ɔsoro ahemman maa agyidifoɔ nyinaa. Wote Nyankopɔn nsa nifa so wɔ animuonyam mu. Yεgye di sε wobεba abεyε yεn ɔtemmuafoɔ. Onniawieeε Agya, me yεfoɔ ne m’Awurade Yesu Kristo Agya, meda wo ase pa ara sε woayε yεn adom asoma Yesu aba abεgye yεn nkwa. Na yεmmfata wo dɔ anaa wo bɔnefakyε, nanso ne nyinaa akyi, wodwenee yεn ho, somaa no sε ɔmmεkyerε yεn ɔkwan no, na wode no maae hyεε yεn anan mu sε bɔne afɔrebɔ. Woasɔ yεne Honhom Kronkron no ano, agye yεn akɔ w’abusua mu, na woama yεn fahodie afiri owuo ne asotweε a εnniawieeε ho suro mu. Afei, εdeεn na memfa mma wo wɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu a εte sei ho? Mede m’akoma, me nkwa, me sika ne berε, εne m’abusuabɔ nyinaa ma wo. Berε a menim sε akyinnyeε biara nni ho sε εbεgye me berε ansa na mahu wo no, mepε sε wohunu sε mayε krado ama abrabɔ foforɔ, akwankyerε foforɔ, ne akwantuo foforɔ. Yε me w’Ayεsεm kεseε no fa bi, O Nyankopɔn, na fa Honhom a wode ama me no so kyerε me kwan. Mεhyε wo animuonyam wɔ deε meyε mu, berε a woboa me. Wɔ Yesu din mu na mebɔ mpaeε, amen. Afei bra, Awurade na boa wo nkorɔfoɔ, a wode w’ankasa mogya boɔ atɔ wɔn, na fa yεne w’ahotefoɔ bra daapem animuonyam mu.

Akoma mu Sufrε kyerε Awurade

Made with FlippingBook Ebook Creator