Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 3 Ɛkwan a Yεnya Yεde Yεn Abrabɔ Retoto Nyankopɔn Abrabɔ wɔ Kristo mu Ho

Nokorε akεseε yi nti εwɔ sε mohunu sε, εnni sε mobu mo ho ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ wɔ Nyankopɔn ahemman no ho bio. Mmom, εwɔ sε mobu mo ho sε moyε agyidifoɔ a wɔabu wɔn sε wɔn ho te no yɔnko man mma–moyε Nyankopɔn no ara fiefoɔ kann! Ɛte sε deε wɔde mo asi asomafoɔ ne nkɔmhyεfoɔ nkrasεm no fapem ankasa, a yεn Awurade Yesu no ara ne tweaso tiboɔ ankasa no so. Ne mu na Asɔre no nhyehyεeε nyinaa, wɔaka asɔreba biara atoa mu, nyini wɔ Nyankopɔn adwumayε mu bεyε asɔredan kronkron wɔ Awurade mu. Yesu mu na wɔde mo nyinaa resie akɔyε baabi a Nyankopɔn teε kann, na yei nyinaa nam Honhom Kronkron no adwumayε so. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Efe. 2.19-22) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, εwɔ sε wogye Ɛkwan a Yεnya no to mu berε a: • Yεregye adi sε εnam gyidie so na wɔka yεn bɔ Kristo mu (εne sε, seesei yεwɔ “Kristo mu”), yεgye na yεfa deε ɔteε, ɔma na ɔyε nyinaa mu. • Yεregye adi sε εnam Honhom no adwumayε nti, seesei yεyε mma wɔ Nyankopɔn fie a ne tweaso tiboɔ ne Yesu Kristo na ne fapem yε asomafoɔ ne nkɔmhyεfoɔ no. • Yεregye adi sε asafo biara yε Nyankopɔn Ahemman no abɔfoɔ fie, a εgyina hɔ ma deε ɔsoro ankasa ani wɔ so, na agyidifoɔ resom sε saa Ahemman no ananmusifoɔ ne adwumayεfoɔ. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa soɔ (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me deε wo pε teε, na ma me nhumu wɔ sεdeε mede m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ bεyε adwuma. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me ma menyε ntεm ntie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akomam nsusuiε nsɔ w’ani. Ma memfa nyansa nka

Botaeε

Nyansasrε Mpaebɔ

41

Made with FlippingBook Ebook Creator