Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

42 • Ko Gyidie Ko Pa no

wo nokwasεm, sεdeε obiara a mεkasa akyerε no bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me seesei wɔ adesua yi mu berε a megye w’Asεm ne akwankyerε. Mebisa saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa Yesu din a tumi wom mu, Amen. 1. “Adεn nti na nsonoeε wɔ sεdeε me tebea teε ne deε Twerε Kronkron ka sε εyε me gyinabea wɔ Nyankopɔn anim?” Akristofoɔ afoforɔ bebree hunu εkwan kεseε wɔ deε Twerεnsεm no ka fa wɔn diberε wɔ Nyankopɔn anim ho (nhwεsoɔ, sε wɔde akyε yεn, sε mma a wɔagye yεn, sε Nyankopɔn ayi yεn), ne sεdeε nneεma kɔ wɔ abrabɔ mu da biara (akyinnyeε berε, ɔhaw, abasamutuo, bu wo ho fɔ, ne ehu). Ɛrekame ayε sε Kristosom abrabɔ anisoadehunu mmienu (deε Twerε Kronkron ka ne sεdeε mete nka da biara) no ntumi nhyia na εne wɔn ho bɔ abira. Sε yεde yεn Kristosom bɔ bra da biara a, sεn na εwɔ sε yεte aseε fa saa dadwene a εda deε Twerεnsεm ka fa sεdeε yεteε wɔ Kristo mu εne sεdeε yεte nka fa yεn ara ho ntam? 2. “Berε bεn na mεhyε aseε ayε te sε onipa a Twerε Kronkron ka sε meyε no?” Reyε Kristo okyidini a ɔyε den no fa kεseε ne sε yεresiesie ntawantawa a εwɔ yεn mu fa sεdeε na yεteε ansa na yεrehyia Kristo ne sεdeε yεteε seesei a yεagye adi yi . Mpεn pii no, ayε sε yεhunu yεn ho sε sεdeε na yεteε no yε den kεse, yε adwuma kεse, na εyε kann kεse kyεne deε Twerε Kronkron anaa yεn akyerεkyerεfoɔ ne asɔfo ka fa yεn ho. Ɛbεyε dεn na Okristoni foforɔ ahunu asuansεm ne dawurobɔ a εwɔ Twerε Kronkron mu berε a ayε sε sεdeε na yεteε no yε yεn “abɔsuo” ankasa kεse, “me” no a yεn ani gye ho yie, na ayε sε εyε nokorε pa ara fa yεn ho no? 3. “Mεtena fie na me ara me ne Awurade anante.” Berε bi ogyidini foforɔ bi a n’ani afi, a na ɔfirii nnubɔne abrabɔ mu nkyεree gyee Kristo, na ɔhyεε n’abrabɔ foforɔ wɔ Kristo mu akwantuo ase. Ɔhaw a na εwɔ hɔ ne sε na εyε den ma no pa ara sε ɔbεwɔ akristofoɔ afoforɔ mu, esiane abrabɔ a na wawɔ mu akyεre yie wɔ mmɔntene so nti – ɔrepira ne nipadua, n’abusua, ne ɔne afoforɔ ntam abusuabɔ. Da koro bi, ɔfiri abamubuo ne ɔberε mu teaam sε, “Ɛno ara yε! Mennye nni sε mεtumi abɔ me Kristosom bra wɔ nnipa a wɔwɔ asɔre no mu ntam. Wɔyε nnipa pa ne ade, nanso wɔnte baabi a mefiri reba seesei ase. Megye di sε mepε sε mekɔ so ne Kristo nante, nanso mεtena fie, na me ara me ne Awurade anante.” Ɛdeεn na wobεka akyerε no fa ne gyinaeεsie no ho – εyε papa anaa, na sε εnte saa a, adεn ntira? Ɔfa a εtwaam (Ɛho a Yεkɔka) no yεsuaa sε berε a yεdane firii nhoni ne bɔne ho (adwensakyera) baa Nyankopɔn nkyεn na yεgyee Nasaretni Yesu Kristo dii sε Awurade a wasɔre no (gyidie), yεsii gyinaeε berε korɔ no ara mu sε yεbεka Awurade asafo ho, berε a yεretwe yεn ho afiri Satan ahemman akɔ Nyankopɔn ankasa Ba no Ahemman mu.

Nkitahodie

Emu nsεm

Made with FlippingBook Ebook Creator