Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 3 Ɛkwan a Yεnya • 43

Afei yεbεhwehwε ahonyadeε a yεwɔ wɔ berε a, εnam gyidie mu, wɔde yεn abɔ Kristo mu, na wɔka sε yεwɔ “Kristo mu” yi. Yεne Yesu nkabom a εgyina gyidie so, ma yεn diberε ne abusuabɔ foforɔ wɔ Nyankopɔn anim (yεn gyinabea), ɔdom gyinabea, ɔgyeε, ne nhyira sε ne ba ne n’Ahemman ba. Deε εka yei ho ne sε, yεrewɔ “Kristo mu” nso ma yεtumi nante wɔ ne nkonimdie mu da biara berε a yεko gyidie ko pa no – na yεnya tumi a yεde nante wɔ Honhom Kronkron mu (yεn tebea)! Apam Dada no kyerε sε, obiara a ɔgye Yesu di no wɔabɔ no asu akɔ (wɔde no abɔ) Kristo mu εnam Honhom Kronkron no adwumayε nti (cf. 1 Korintofoɔ 12.13 – Paulo ka kyerεε Korintofoɔ no sε εnam Nyankopɔn Honhom no adwumayε nti wɔabɔ wɔn a wɔgye diiε nyinaa asu akɔ nipadua baako mu – sε wɔyε Yudafoɔ anaa Amanamanfoɔ, sε wɔyε nkoa anaa mmarima ne mmaa a wɔwɔ fahodie. Wɔama wɔn a wɔyε Kristo dea nyinaa anom Nyankopɔn Honhom Kronkron baako.) Berε a Honhom no bɔɔ yεn asu (de yεn sii) kɔɔ Kristo mu no, wɔannye yεn amfiri Nyankopɔn abufuo mu na wɔamma yεn daa nkwa a anigyeε ahyε ma wɔ n’anim nko ara, na mmom yεsane nyaa diberε foforɔ na yεne Nyankopɔn nyaa abusuabɔ, a wɔhyεε da de maa yεn esiane sε seesei wɔayε yεne Kristo baako (hwε “Nhyira 33 wɔ Kristo mu” wɔ mmataho no mu). Nokorε mu, wɔde nhyira bebree ahyira yεn εfiri sε yεnyaa awerεhyem wɔ Kristo mu maa yεn nkwangyeε. Wɔde yεn bɔne akyε yεn (Efe. 1.7; Kol. 1.13), wɔaka yεne Nyankopεn abom, asiesie yεn sε yεne no bεsom, (2 Kor. 6.18 19), na wɔagye yεn sε abɔfra foforɔ akɔ Agya no ara fie (Rom. 8.14-15, 23). Mfasoɔ nwanwasoɔ bebree a yεwɔ wɔ Kristo mu no mu baako ne εho a yεka foforɔ ne dibea wɔ Asɔre no mu, Kristo Nipadua no. Ɛnam gyidie so, wɔde yεn aka agyidifoɔ a wɔwɔ baabiara ho, ama yεne Nyankopɔn ne yεn ho yεn ho abɔ abusua, na wɔama yεn akwanya sε yεnnya awerεhyem, nnyini na yεnsom Ahemman no mmɔ mu sε nnipa baako. Aseda nka Nyankopɔn, εnhia sε yεko gyidie ko pa no sε nkorɔfoɔ a wɔate wɔn ho, wɔ yεn ara ahoɔden mu, ma yεn nko ara ho. Agyidifoɔ nyinaa, firi wɔn a wɔdii kan gye diiε bεsi nnε, ka bom yε Kristo Nipadua nwanwasoɔ baako no. Berε a nhyiamu ne asafo bebree wɔ hɔ (nsɔre a εwɔ “n” ketewa) no, nokorε ne sε Asɔre baako pε na εwɔ hɔ a Yesu ne asomafoɔ no hyεε aseε, na wɔayi asi hɔ ama Nyankopɔn botaeε (asɔre a εwɔ “A” kεseε). Nicene Gyidikansεm no pae mu ka sε saa asɔre yi yε baako, kronkron, asɔfosεm, ne tεtrεε * (baabiara), na εyε asafo bebree a εwɔ wiase a aka abom, wɔ abakɔsεm mu nyinaa.

*tεtrεε – Tεtrεε nkyerε Romanfoɔ Asɔre no, εkyerε “baabiara”, a εrekyerε Akristofoɔ nyinaa wɔ berεbi ara, firi abusuaman, kasa, nnipa ne ɔman biara mu. Wɔ Asomafoɔ ne Nicenefoɔ Gyidikansεm mu no, asεmfua tεtrεε kyerε sε Asɔre no wɔ baabiara, wɔ mfeε ne mmerε nyinaa mu, wɔ kasa ne nnipa nyinaa mu εnkyerε amammerε anaa ɔsom pɔtee bi (nhwεsoɔ, sεdeε εwɔ Roman Asɔre mu no).

Made with FlippingBook Ebook Creator