Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

44 • Ko Gyidie Ko Pa no

Nokorε mu, εnneε, momma yεntie ɔsomafoɔ Paulo asεm pa a ɔde ma Filipofoɔ no na yεmfa nyε adwuma wɔ yεn ara Kristo mu nanteε mu.

Yεyε ɔman-mma wɔ Nyankopɔn Ahemman mu, na yεtwεn yεn Agyenkwa, Awurade Yesu Kristo mmaeε firi ɔsoro ankasa. Ɔbεyε nea ɔbεsesa saa yεn ɔnnibie nipadua brεfoɔ yi akɔ n’ankasa nipadua korɔ no a εyε animuonyam seesei no nsεsoɔ mu, a ɔnam tumi korɔ no a seesei εma no de nneεma nyinaa ma ne ho sε Awurade no so bεwie. ~ Paulo de ma Filipifoɔ (Fili. 3.20-21) Ampa, ogyidini biara yε ɔsoro man-ba, na asafo biara yε Nyankopɔn Ahemman no abɔfoɔ fie a yεne agyidifoɔ afoforɔ hyia ma nkyerεkyerε, ma ɔsɔreε, ma ahobrεaseεε, ne Kristo som. Asɔre no mfitiaseε no, Honhom Kronkron no dii Kristo nkorɔfoɔ anim ma wɔkyerεkyerεε deε yεgye di, sεdeε εwɔ sε yεsom, ne deε Twerεnsεm no bεyε pεpεεpε. Saa gyidie nnyinasoɔ yi yε gyidie abɔsoɔ ma agyidifoɔ a wɔwɔ baabiara, na yεfrε no Amammerε Kεseε. Yei gyina hɔ ma saa nkyerεkyerε ne nneyεε a asomafoɔ no kyerεkyerεεe, wɔatwerε no Twerε Kronkron mu, abɔ no mua wɔ gyidikansεm akεseε ne Asɔre no agyinatuo akuo mu, na agyidifoɔ abɔ ho ban wɔ abakɔsεm mu nyinaa (hwε Rehwε Akyire de Akɔ Anim ne Nicene Gyidikansεm wɔ Mmataho no mu). Berε biara a Asɔre no hyia mu no . . . εsane pae mu ka wiase awieeε ne wiase a adi hwammɔ. Ɛne wiase a εgye di sε εma nnipa bembuo a εdi mu ma wɔn asetena bɔ abira, εpo wiase, εdi adanseε, esiane sε εyε nnipa a wɔabɔ asu, na εyε owuo akyi nko ara na abrabɔ bεtumi anya ne nteaseε . . . Kristosom ɔsɔreε ne tumi kεseε a εbεtumi abɔ wiase gyedie sε εma nnipa abrabɔ bembuo a nteaseε wɔ mu pii no agu. Ɔsɔretia a εmu da hɔ ma wiase ahantan ne abamuuo biara nkyεne deε Asɔre ɔsɔreε kyerε.” ~ Jean-Jacques von Allmen. Ɔsɔreε: Ne Nyamesom adesua ne Nneyεε. London: Lutterworth, 1966, p. 63. Ɛkwan a Yεnya Adesua 3 Twerε Kronkron Adesua Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka nyamesεm nkyerεkyerε biara ho tiawa. 1. Ɛnam Kristo wusɔreε nti, Nyankopɔn ama yεn anidasoɔ a nkwa wɔ mu, ne daa nkwa bɔhyε. Kenkan 1 Petro 1.3-12.

Made with FlippingBook Ebook Creator