Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
46 • Ko Gyidie Ko Pa no
b. Ɛnam sε yεne Kristo wuiε, na yεne no sɔre firii owuo mu saa ara (nam gyidie mu) nti, εdeεn ahoɔden na bɔne wɔ wɔ yεn so seesei? (nky. 9-10)
c. Sεn na εwɔ sε yεkan yεn ho fa bɔne ne ne tumi wɔ yεn so εnnε? (nky. 11-13)
4. Yesu ne Kristosom abrabɔ nnyinasoɔ, nea εsε sε yεdi n’akyi wɔ nneεma nyinaa mu. Kenkan Kolosefoɔ 2.1-10. a. Adεn nti na Paulo ka sε Kristo yε “Nyankopɔn ahintasεm,” nea ne mu na nyansa agyapadeε ne nimdeε nyinaa wɔ? (nky. 3-4)
b. Sεn na Paulo ka kyerε Kolosefoɔ no sε wɔmfa mmua Kristo, berε a wɔagye no sε wɔn Agyenkwa ne Awurade? (nky. 6-7)
c. Ɛdeεn na εwɔ sε agyidifoɔ si ho kwan berε biara? (nky. 8).
d. Sεn na nky. 10 kyerεkyerε Yesu bɔbea mu, sε Nyankopɔn ne onipa nyinaa?
5. Wɔde adom ne nhyira bebree ahyira ogyidini wɔ “Kristo mu.” Kenkan Efesofoɔ 1.3-14. a. Bobɔ, anyε koraa, nhyira nnum a woanya esiane “Kristo mu” a wowɔ nti. i. ii. iii. iv. v.
Made with FlippingBook Ebook Creator