Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 3 Ɛkwan a Yεnya • 47
b. Ɛdeεn na Honhom Kronkron no de yεε yεn berε a yεgyee Kristo diiε (nky. 13-14)? Abusuabɔ bεn na Honhom akyεdeε no ne nhyira a yεbεnya no wɔ?
6. Wɔnam Kristo so de yεn a berε bi na yεwɔ akyirikyiri firi Nyankopɔn nkyεn no abεn no. Kenkan Efesofoɔ 2.13-22. a. Sεn na Kristo siesiee agyidifoɔ a wɔfiri nnipa, mmusua, ne amammerε nsonoeε ntam? (nky. 13-18) b. Kenkan Efesofoɔ 2.18-22. Fa ekuo biara ma nokorε a εne no kɔ: i. Ahotefoɔ no yɔnko-man-mma ___ Resi tenabea ama Nyankopɔn ii. Asomafoɔ ne nkɔmhyεfoɔ ___ Wɔsi fapem no wɔ wɔn so iii. Yesu ___ Nyε amanfrafoɔ ne ahɔhoɔ bio iv. Honhom no ___ Tweaso tiboɔ kεseε no 7. Nyankopɔn ayi sε ɔbεfa ne nkorɔfoɔ, Asɔre no so ada n’adom animuonyam adi. Kenkan Efesofoɔ 3.8-11. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya ato hɔ no: Nyankopɔn a ɔbɔɔ nneεma nyinaa no, maa ___________ εdɔɔso pii no daa adi __________ εfiri Nyankopɔn, daa no adi kyerεε__________ wɔ ɔsoro mmea. 8. Wɔ mmerε tenten a atwam mu no, Nyankopɔn anna n’ahintasεm a seesei εnam asomafoɔ no adansedie fa Kristo ho so reda adi akyerε nnipa nyinaa ne mpo agyidifoɔ a wɔnyε Yudafoɔ no, adi ankyerε adasamma! a. Kenkan Kolosefoɔ 1.24-29. Yi mmuaeε a εyε pa ara. Ahintasεm bεn na Paulo kaa sε wɔde siee mfeε pii na afei wɔayi akyerε yεn no? i. Da ne dɔnhwere a εfa Yesu mmaeε bio ho ii. Kristo a ɔwɔ yεn mu, animuonyam anidasoɔ no iii. Sεdeε Paulo bεwuo
Made with FlippingBook Ebook Creator