Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
48 • Ko Gyidie Ko Pa no
b. Adεn nti na wodwene sε Kristo a ɔwɔ Amanaman mufoɔ (wɔn a wɔnyε Yudafoɔ) ntam ho nsεm no wɔhunu no sε εyε adiyisεm kεseε wɔ Paulo berε so agyidifoɔ mu?
Asomafoɔ a wɔwɔ Apam Foforɔ mu no di adanseε sε wɔnam Honhom Kronkron no asubɔ tumi so de Kristo mu ogyidini biara aka ɔne n’adwuma ho. Honhom Kronkron no de yεn ahyε Kristo mu, de yεn aka ne wuo, sie, wusɔreε, ne n’abrabɔ foforɔ ho. Wɔ Yesu mu no, yεnyε Nyankopɔn abufuo adeε bio, na yεmmɔ hu sε wɔbεtwe yεn aso wɔ mmaratoɔ (rebu Nyankopɔn mmaransεm so) bebrebe a yεayε no ho. Nyankopɔn ama yεne no anya diberε ne abusuabɔ foforɔ koraa wɔ Yesu mu, na ɔde adom mfasoɔ ne nhyira nwanwasoɔ bebree ahyira yεn wɔ Kristo mu. Akyεdeε nwanwasoɔ bebree a yεanya no, deε εhia pa ara no mu baako ne εho a yεkɔka ne yεn dibea foforɔ wɔ Asɔre no, Kristo Nipadua no mu. Nyankopɔn de yεn nyinaa abom wɔ Kristo mu, εna afei, agyidifoɔ nyinaa, na wama yεn akwanya ne asodie nyinaa sε yεntena na yεnnyini mmom sε Nyankopɔn abusua (1 Yohane 3.1-3), sε Kristo nipadua (Rom. 12.4-8), εna sε Honhom Kronkron no asɔredan (1 Kor. 3.16-17). Wɔanyε yεn sε yεnte yεn ho wɔ yεn Kristosom abrabɔ mu, sεdeε nipadua no ntumi mfa εnan nko ara anaa nsa nko ara nyε adwuma yie no. Daabi, akwaa no nyinaa ho hia sεdeε nipadua no bεtumi anyini na adwene mu adɔre, na ahyε adwuma a wɔyεε sε εmmεyε no ma. Ne saa nti εwɔ sε ogyidini biara hunu ne ho sε ɔsoro man-ba, obi a ɔka Kristo ho ne anidasoɔ a nkwa wɔ mu fa n’asase so mmaeε bio no ho. Wɔ saa kwan yi so, wɔbεtumi ate aseε sε asafo biara yε abɔfoɔ fie ma Nyankopɔn Ahemman, ɔsoro ahemman nsraban bi, baabi a agyidifoɔ ne Akristofoɔ a wɔrenyini foforɔ hyia nyini, sɔre, na wɔsomAwurade. Ɛfiri mfitiaseε no, Honhom Kronkron no adi Kristo nkorɔfoɔ anim ma wɔahunu, apae mu aka, na wɔabɔ asomafoɔ no nkyerεkyerε ne nneyεε nnyinasoɔ ho ban, sεdeε εwɔ Twerε Kronkron mu na asɔre no akyerεkyerε mfeε bebree no. Saa Amammerε Kεseε yi, Asɔre no nyamesom ho nimdeε ne nneyεε nnyinasoɔ yi, wɔgye di, kyerεkyerε, na wɔhyε ho fa wɔ nsɔre a εwɔ wiase, baabiara a wɔgye Kristo tom sε ɔyε Awurade ne Kristo mu. Ɛkwan a yεnya, berε a yεagye adi pεpεεpε no, yε Asɔre no ho a yεkɔka, asɔreba a ɔsɔfo ne anokwafoɔ nko ara na wɔbεtumi de no aka asafo bi ho, baabi a yεbom nyini, sɔre, na yεsom Kristo. Mmataho a εwɔ sε wosua na wosusu ho, a εfa saa adesua yi ho na εdidi soɔ yi: Nhyira aduasa-mmiεnsa wɔ Kristo mu (Mma. 14) Wɔ Kristo mu (Mma. 8) Nasaretni Yesu: Daakye a εwɔ hɔ (Mma. 4)
Muabɔ
Mmataho
Made with FlippingBook Ebook Creator