Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 3 Ɛkwan a Yεnya • 49

Worehwε W’akyi de akɔ W’anim: Kristosom Nkyerεkyerε a Ɛgye Amammerε Kεseε no (Mma. 16)

Nicene Gyidikansεm (Mma. 24 ne 25) Asomafoɔ Gyidikansεm (Mma. 26)

Yεanya honhom mu nhyira biara wɔ Kristo mu (Efesofoɔ 1.3).

Nnyinasosεm a Ɛhia Nsεm mu Nhwehwεmu

Kenkan na susu nsεm ne adwene a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuasεm a woasua wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie mu. 1. “Menhia asubɔ, anaa mehia? Mabɔ asu pεn.” Na onuabaa bi a ɔfaa Kristo nkyεree ne ne sɔfo redi nkɔmmɔ, sε εhia sε ɔbɔ asu anaa εnhia, esiane sε wɔabɔ no asu dada berε a na ɔyε abɔfra. Aane, berε a wɔbɔɔ no asu mfeε bebree a atwam no, na ɔnte aseε εna ɔmfaa ne ho mmaa Kristo – na wadi mfeε 12 pε, a na ɔnni nnyinasodeε biara fa asubɔ ho, na afei ɔgye di sε na ɔnnyee Kristo nniiε berε a ɔyεeε no. Afotuo bεn na wode bεma saa ogyidini foforɔ a ɔyε ɔpanin yi – ɔnhwehwε sε wɔbεbɔ no asu bio, na mmom saa berε yi, ɔnhunu sε ɔnim deε ɔreyε no asekyerε, na ɔmfa ɔno ara gyidie kann ne ahofama ma Yesu Kristo sε Awurade ne Agyenkwa anaa? 2. M’adamfo se, “menka kεkε na mεnya” Nyankopɔn nhyira. Sεn na Twerε Kronkron ka fa saa atorɔsεm no ho? Ogyidini foforɔ rekɔ asɔre a wɔhyε Akristofoɔ nkuran sε “wɔnka kεkε na wɔnnya” Nyankopɔn nhyira a εma nkwa, εma honam mu ahiadeε, εma yareε mu ayaresa, ne adom wɔ amanehunu mu. Botaeε dodoɔ no ara wɔ honam mu nhyira so (sika, apɔmuden, ne ahonyadeε), na wɔhwε yεn honhom mu nhyira “wɔ Kristo mu” kakraa bi. Sεn na εwɔ sε yεte abusuabɔ a εda deε Nyankopɔn ka sε yεanya honhom mu nhyira nyinaa wɔ Kristo mu (nhw, Efe. 1.3), εne deε nsɔre bebree si so dua a ahyeta fa Nyankopɔ nhyira ne adom a wɔgye no honam mu nneεma mu wɔ abrabɔ mu (a εne, “apɔmuden ne ahonya”) no ase. Sεn na yεte nsisoɔ a εda nimdeε a εfa Nyankopɔn nhyira ne ɔhwε yi ase yie fa? 3. Mentumi nnya deε mehia no mfiri asafo baako pε mu. Menya deε mehia no firi nsɔre ahodoɔ a εwɔ kuro no mu – ɔsɔreε firi asɔre A mu, nkyerεkyerε firi asɔre B mu, ne ayɔnkofa firi asɔre C mu. Ɛno na εyε anaa? “Nsɔre mu akyinkyini” nyε na wɔ Kristo akyidifoɔ bebree mu nnε. Wɔgye di sε wɔrentumi nnya deε wɔhia nyinaa a εbεma wɔanyini na wɔanya nkɔsoɔ wɔ asafo baako pε mu nti, Akristofoɔ bebree afa ato wɔn ho so sε “wɔbεkyinkyini nsɔre mu,” akɔ nsɔre ahodoɔ wɔ mmerε ahodoɔ mu akɔhwε nkyerεkyerε ahodoɔ, nnwuma, ne ɔsɔreε akwanya. Ewiase a akwokwa obiara sε “wɔnya deε wɔhia” firi mmea ahodoɔ mu yi, agyidifoɔ de saa nnyinasoɔ yi di dwuma wɔ wɔn asaɔrekɔ mu. Yei nnyinasoɔ taa yε sε asɔre baako pε rentumi mma deε Asɔrekɔni anaa Asɔrekɔni abusua

Made with FlippingBook Ebook Creator