Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

50 • Ko Gyidie Ko Pa no

hia nyinaa. Wɔn a wɔgye yei tom kyerε sε wɔnya suahunu a εyε papa pa ara berε a wɔne asafo baako sɔre, tie nkyerεkyerε wɔ asafo foforɔ mu, na wɔbɔ fekuo ɔfoforɔ mu. Sε asafo a εte apɔ yε abɔfoɔ fie ma Ahemman no a, adεn na εno ntumi nyε “nsɔre mu akyinkyini” a εyε papa mma yεn wɔ Kristosom nyini mu? Nya berε nnawɔtwe yi mu hwehwε asuansεm a εkasa fa nhyira ne mfasoɔ a wowɔ no seesei sε ogyidini a wabɔ asu wɔ Kristo mu ho. Worentumi nsusu ho anaa nnye saa nhyira bebree yi berε a wonni nimdeε biara fa sεdeε wɔteε ho, ne deε εkyerε ma wo Kristosom abrabɔ! Sua nkyekyεmu a εwɔ Mmataho “Kristo mu Nhyira 33” na hunu saa nokorε yi. Mpεn dodoɔ a wote deε Nyankopɔn de ama wo ase no, mpεn dodoɔ no ara na wode bεka wo ara wo mu nsusuiε ho, na aka wo mpaebɔ kasa ho berε a wode aseda ma na wobisa adeε firi Awurade hɔ. Sε womfaa wo ho mmɔɔ asafo biara (mekyerε, abɔfoɔ fie ma Nyankopɔn Ahemman!) a, εnneε srε Awurade na ɔnkyerε wo kwan wɔ nna ne nnawɔtwe a εreba yi mu na bra bea (εnyε mmea!) a ɔpε sε wokɔ. Wohia sε wowɔ ɔsɔfo papa bi tumi ase, na wo ne Akristofoɔ afoforɔ a wɔwɔ ahofama som, na wohunu akwan a wobεtumi de w’adomakyεdeε asom na woahyε afoforɔ den. Deε εhia ne sε wode wo ho rema a εnyε sε wobεkɔ nhyiamu bi nko ara, na mmom wobεhwehwε ahunu deε enti a εsε sε wobεka ho, nipadua no fa a εte ase a wo ne afoforɔ boa ano bom. Sε mfitiaseε no εyε te sε εnyε mmerε anaa woyε ankonam a, mpa aba; bɔ mmɔden yε, na nya awerεhyem sε Awurade bεbue ayɔnkofa ne ɔsom akwan berε a wokɔ so. Nyankopɔn bεdi w’anim, na sε wonya aboterε a, wobεso aba pii (Gal. 6.7-9). Billy Sunday a na ɔsi akan ma National League Baseball wɔ afe 1880 mu no, bεyεε ɔsεmpakani a ɔgyee din na ɔnyaa nhyεsoɔ wɔ mfeε aduonu a na εdi kan wɔ mfeha a εtɔ so 20 no mu. Sunday asεnka twee dɔm bebree baa ne satuo ase wɔ Amerika nkuropɔn akεseε no bi mu. Wɔ ne nkyerεkyerε a agye din no baako a na εrekamfo Yesu Kristo a ɔtumi adeε nyinaa yε mu no, Billy Sunday de saa nsεm* yi hyεε Agyenkwa no animuonyam.* Christ My All Kristo ma yareε, Kristo ma apɔmuden, Kristo ma ohia, Kristo ma ahonya, Kristo ma anigyeε, Kristo ma awerεhoɔ, Kristo εnnε, ne Kristo ɔkyena; Esiane sε mabɔ asu wɔ Kristo mu nti, me ne Akristofoɔ a wɔwɔ baabiara ne mmerε nyinaa kyε Kristo nhyira, animuonyam, anidasoɔ, ne amanehunu.

Abusuabɔ

Adansedie

Mpaebɔ

* Fibea bi ka sε “wɔnnim Ɔtwerεfoɔ.” Intanεt baako ka sε wɔde ma St. Patrick, nanso kakra bi ka sε Billy Sunday.

Made with FlippingBook Ebook Creator