Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 3 Ɛkwan a Yεnya • 51
Kristo me Nkwa ne Kristo me Hann, Kristo ma anɔpa, awia ne anadwo; Kristo berε a obiara pa aba, Kristo me Daapem a Ɛte hɔ; Kristo m’Ahomegyeε, Kristo m’Aduane, Kristo boro me Papayε a Ɛkyεne so; Kristo me Dɔfo Pa, m’Adamfo, Kristo m’Anigyeε, a εnni awieeε; Kristo m’Agyenkwa, Kristo m’Awurade, Kristo me Kyεfa, Kristo me Nyankopɔn; Kristo me Dwanhwεfoɔ, Me, Ne dwan, Kristo No Ara na me kra kora; Kristo me Kandifoɔ, Kristo m’Asomdwoeε, Kristo de me kra gyaeε aba; Kristo me soro Tenenee, Kristo ma me, εfiri sε Ɔyε me dea; Kristo me Nyansa, Kristo me Nam, Kristo de m’nammɔn a εrekyinkyini sane ba; Kristo me Dimafoɔ ne Sɔfo, Kristo a ne werε mfiri kumaa no da; Kristo me Kyerεkyerεfoɔ, Kristo me Kwankyerεfoɔ Kristo me Botan, Kristo mu na mehinta; Kristo Daapem Paanoo, Kristo a wahwie n’adehye mogya agu; Kristo atɔ yεn abεn Nyankopɔn, Kristo daapem Wiase; Kristo me Wura, Kristo me Panin, Kristo a me bɔne nti Wahwie mogya agu; Kristo m’Animuonyam, Kristo m’Ahenkyε, Kristo Dua kεseε a Agye Din;
Kristo Ɔwerεkyekyefoɔ wɔ ɔsoro, Kristo m’Anidasoɔ bεn wo daa.
~ H.W.S. The Speakers Quote Book : Over 4,500 Illustrations and Quotations for All Occasions. Roy B.Zuck, Grand Rapids, MI: Kregel Publications, 1997, p. 57.
Made with FlippingBook Ebook Creator