Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

52 • Ko Gyidie Ko Pa no

Onniawieε Nyankopɔn, m’Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, meda wo ase sε woayε me ne wo Ba no baako. Meda wo ase pa ara Awurade, wɔ akyεdeε ne nhyira nwanwasoɔ bebree a εnam Kristo so manya, na meda wo ase εnkanka wɔ nhyira kεseε a wode ama maka wo nkorɔfoɔ, w’Asɔre, ne Kristo Nipadua ho. Gyidie nti, woama me ne agyidifoɔ afoforɔ nyinaa ayε baako, na woama me asetena mu animuonyam ne asεdeε nyinaa, merenyini, na mereka ho asom wɔ asafo mu, nhyiamu a εte ase a wɔada no adi sε w’abusua, sε Yesu nipadua, εna sε Honhom Kronkron no asɔredan. Mεhunu wo ne sε mεdɔ wo nkorɔfoɔ, εfiri sε woyε ɔdɔ. Menim sε woansusu amma me sε mεbɔ me ara me Kristosom bra, sε me nko ara mεte me ho abɔ mmɔden ako ɔko pa no. Kyerε me kwan kɔ asafo a wopε sε menyini wɔ mu, wɔ ɔsɔfo a ɔbεtumi ahwε me kra so, ne Akristofoɔ a mεtumi adɔ – ayɔnkofoɔ akofoɔ a wɔbεtumi ama m’adom akyεdeε ayε den berε a yεdi wo dɔ ho adanseε kyerε yεn afipamfoɔ. Meda wo ase wɔ w’asɔre. Ma me nso aba na menyε ayamyε wɔ wo nkorɔfoɔ mu, na boa me ma mennyini berε a me ne wɔn som, wɔ Kristo nti, amen. Yεwɔ ɔfa bi a yεayi asi hɔ ama atwerε ne mfoniyε afidie aboadeε wɔ www.tumi.org/sacredroots . John Eldridge. Ayεsεm Tenten: Ayεsεm a Nyankopɔn Reka . Thomas Nelson, Inc., Nashville, TN: 2004. Wɔ ɔfa εdi soɔ mu no, wobεhwehwε AdomAkyεdeε a Yεnya mu, a saa atifinsεm yi ka ho: 1. Honhom Kronkron no ma ogyidini biara akyεdeε a ɔde som nipadua no. 2. Wɔama yεn fahodie wɔ Kristo mu sεdeε yεde yεn akyεdeε bεyε adwuma. 3. Yεnya ahoɔden de nyini bom wɔ mpaninyε ne koroyε mu.

Akoma mu Sufrε kyerε Awurade

Ma Adesua Bebree

Ma Ɔfa a Ɛdi soɔ

Efesofoɔ 1.3

Twerεsεm Nkaekaeε Dwumadie

1. Twerε anwensεm anaa krataa kɔma Awurade, na da no ase wɔ deε wayε nyinaa ho. 2. Kenkan Nicene Gyidikansεm wɔ Mmataho no mu. Wɔ wo nsεmwa nwoma mu no, bɔ nokorε a εhia a Nicene Gyidikansεm no ka kyerε yεn fa asraafoɔ kuo a woabεka ho no mua. 3. Wo ne ogyidini bi a wawie nyini wɔ asɔre no mu nhyia na bisa sεdeε asɔre no aboa no ma watena ase wɔ Kristosom abrabɔ mu, a εkaa ɔno nko ara a anka εrennyε yie.

Made with FlippingBook Ebook Creator