Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya Honhom Kronkron no Dwumadie wɔ Gyidie Ko Pa no mu

Sε akyεdeε ma asɔre no, Nyankopɔn ama asomafoɔ, nkɔmhyεfoɔ, ne nsεmpakafoɔ *, ahwεfoɔ *ne akyerεkyerεfoɔ, a ne nyinaa botaeε ne sε εbεsiesie ahotefoɔ ama ɔsom adwuma, ne Kristo nipadua sie. Nyankopɔn botaeε ne sε yεn nyinaa bεnya gyidie baakoyε sε agyidifoɔ, εne nimdeε sononko fa Kristo, Nyankopɔn Ba no ho, na yεawie nyini wɔ honhom mu, aduru Kristo ankasa mayε susudeε no tebea ho. Nyankopɔn pε ne sε yεnna so nyε te sε mmɔfra a atorɔ nkyerεkyerε asorɔkye biara woso yεn di akɔneaba, di nkyerεkyerε mframa a εfiri nnipa bradεtofoɔ a wɔde aniteε nnaadaa dεεdεε yεn biara akyi. Mmom, ɔpε sε yεsua sεdeε yεka nokorε wɔ ɔdɔ mu, nyini akwan nyinaa mu bεyε nea ɔne agyidifoɔ nyinaa ti, mpo Yesu Kristo no ara. ~ Paulo de kɔma Efesofoɔ (Efe. 4.11-15) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, εwɔ sε wogye Adom Akyεdeε a Yεnya no tom berε a woregye adi sε: • Honhom Kronkron no te ogyidini biara mu, na ɔma ogyidini biara akyεdeε a ɔde som Nipadua no. • Wɔma yεn fahodie wɔ Kristo mu sε yεmfa yεn akyεdeε nyε adwuma, sεdeε Honhom Kronkron no ma yεn akwanya sε yεnsom. • Ɛnam Honhom Kronkron no akwankyerε, akyεdeε, ne ahoɔden so, wɔma yεn tumi a εdɔɔso sε yεne agyidifoɔ afoforɔ mfa ntena ayɔnkofa a emu yε den mu wɔ asɔre no mu, nnyini mmɔ mu wɔ baakoyε mu. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa so (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. *Nsεmpakafoɔ kyerε adwumayεfoɔ a Honhom no ama wɔn akyεdeε sε wɔnka Asεmpa no ho nsεm yie nkyerε wɔn a wɔayera. Berε a wɔama agyidifoɔ nyinaa ahyεdeε sε wɔnka asεmpa no, wɔama ebinom akyεdeε kεseε wɔ ha na εboa ma Kristo nipadua sie. *Asɔfo yε “nnwanhwεfoɔ” a wɔahyε wɔn sε wɔnhwε nnwan kuo, a εyε asafo no. Ɛsε sε Ahwεfoɔ no fa wɔn Twerε Kronkron nkyerεkyerε, nyamesom afotuo ne nkuranhyε so bɔ nnwan kuo no ho ban, bɔ wɔn kɔkɔ fa asiane ho, na wɔdi wɔn anim yε Nyankopɔn adwuma wɔ wɔn mpɔtam.

Botaeε

Nyansasrε Mpaebɔ

53

Made with FlippingBook Ebook Creator