Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

54 • Ko Gyidie Ko Pa no

Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me deε wo pε teε, na ma me nhumu wɔ sεdeε mede m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ bεyε adwuma. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me ma menyε ntεm ntie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akoma mu nsusuiε nsɔ w’ani. Ma memfa nyansa nka wo nokwasεm, sεdeε obiara a mεkasa akyerε no bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me seesei wɔ adesua yi mu berε a megye w’Asεm ne akwankyerε. Mebisa saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa Yesu din a tumi wɔ mu mu, Amen. 1. “Asomafoɔ no ne akannifoɔ a wɔn ho hia no nni hɔ bio seesei anaa? Wɔ Efesofoɔ nwoma no Twerε Kronkron adesua bi mu, Okristoni foforɔ bi kenkann Efesofoɔ 4.11-15 na ɔbisaa sε, “Na medwene sε asomafoɔ, nkɔmhyεfoɔ ne nnipa a wɔte saa nni hɔ bio wɔ asɔre no mu. Ɛdeεn na saa asuasεm yi kyerε? Yεwɔ nkorɔfoɔ a wɔyε asomafoɔ ne nkɔmhyεfoɔ nnε, na, sε εte saa a, εhefa na wɔwɔ? Sε mete deε Paulo reka no ase a, Nyankopɔn maa yεn saa nnamfoɔ yi sεdeε wɔbεboa yεn ma yεasua sεdeε yεka nsεmpa kyerε afoforɔ. Ɛno yε nokwasεm! Wodwene sε εdeεn na asuasεm no kyerε yεn nnε – Nyankopɔn gu so ma Asɔre no akannifoɔ a wɔwɔ akyεdeε sεdeε Akristofoɔ bεtumi abεyε asomfoɔ a wɔdi mu wɔ wiase anaa? 2. “Mennim me sɔfo mpo.” Wɔ mmarima mpaebɔ nhyiamu bi mu, na yεreka hia a εhia sε yεhyε ɔsɔfo bi tumi ne nteteε ase. Onua baako kaa sε, “Aane, Nyankopɔn ama yεn asɔfo sεdeε wɔbεyε εkyεm abɔ yεn ho ban afiri atorɔ ne honhom mu amanehunu ho. Wɔyε Nyankopɔn nnwanhwεfoɔ, a Awurade ama wɔn tumi sε wɔmmoa yεn sε Kristo nnwan, na wɔahwε yεn yie, ama yεn ahoɔden, ayε krado sε yεbεyε ɔsom adwuma no.” Okristoni foforɔ bi a ɔwɔ asɔre no mu kaa sε, “Mete deε woreka yi, nanso nokorε mu, mentumi nte aseε. Mene me sɔfo akasa baako pε, (εno koraa akyε, berε a εdi kan a mebaa asɔre no), na menhyε da nnim no mpo. Nokorε mu, mennim me sɔfo. Ɔbεyε dεn ayε me dwanhwεfoɔ berε a mennim no?” Afotuo bεn na wode bεma saa ogyidini foforɔ yi – wogye di sε εdeεn na Nyankopɔn pε sε ɔyε fa abusuabɔ a ɔne ne sɔfo nni no ho? 3. “Wobεyε dεn ahunu ankasa sε wowɔ Honhom Kronkron no?” Na Okristoni kumaa bi wɔ ɔhaw fa nkɔmmɔ bi a na ɔne obi a ɔse wɔyε “Sunsunsɔre” Okristoni redi wɔ bɔɔso mu. Saa onipa yi ka kyerεε no sε ɔhia sε ɔnya Honhom Kronkron, a εbεkyerε wɔ ne “Honhom Kronkron

Nkitahodie

Made with FlippingBook Ebook Creator