Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya • 55
asubɔ mu,” na ne kasa ahodoɔ ka * atoa so. Onuabaa kumaa no buaa sε, “Nnawɔtwe a εtwaam no mesuaa wɔ Twerε Kronkron Adesua mu sε onipa biara a ɔsakyera n’adwene na ɔgye Yesu die no wɔasɔ ɔne Honhom Kronkron no ano, na ɔte wɔn mu berε a wɔgye diiε no ara. Yεsane suaa sε ɔma yεn akyεdeε a εbεboa yεn ma yεasom Akristofoɔ afoforɔ wɔ Kristo nipadua mu, na kasa ahodoɔ yε Honhom no akyεdeε baako – na εwɔ sε Okristoni biara nya akyεdeε biara anaa? Ɛyε adwuma saa anaa?” Seesei onuabaa no pε sε ɔhunu pii fa Honhom Kronkron ho – sεn na ɔnkɔ so nsua no? Ɔfa a εtwaam (Ɛkwan a Yεnya) no mu yεsuaa sε berε a yεgyee Yesu diiε no, wɔbɔɔ yεn asu kɔɔ Kristo mu, na yεnyaa nhyira pii wɔ Kristo mu. Afei yεbεhwehwε deε Twerε Kronkron ka fa Honhom Kronkron ho no bi, n’adwuma ne nhyira wɔ agyidifoɔ abrabɔ mu, na yεahwε sεdeε ɔma akyεdeε ne tumi sononko a εboa ma yεnyini na yεbεyε den berε a yεne Awurade nante wɔ n’Ayεsεm mu, ko gyidie ko pa no. Honhom Kronkron no yε bɔhyε (ntoaseε) ma daakye agyapadeε a yεn Akristofoɔ bεnya berε a Awurade Yesu Kristo bεsane abεsi n’Ahemman. Honhom no ma ogyidini biara honhom akyεdeε bi sεdeε εbεhyε Kristo nipadua mma afoforɔ nkuran (hyε den) wɔ asafo no mu. Honhom Kronkron no bεtena ogyidini biara mu; wɔnyi obiara mfiri mu εfiri sε nipadua no hwehwε sε nipadua no mma nyinaa bεka ho, aboa, ayε bi. Ɛnam n’adom so, Nyankopɔn nso ma yεn bɔnefakyε, ne fahodie firi bɔne, mmaratoɔ, ne afɔbuo mu sεdeε yεbεtumi de akokoɔduro ne nnamyε asom afoforɔ wɔ Kristo din mu. Ɔma yεnyini berε a yεdwennwene Nyankopɔn Asεm ho (nyamesεm ho nimdeε), nam Asεm no ne Awurade Adidie (ɔsɔreε) mu pagya ne din, wɔbɔ yεn honhom mu berε a yεbom nante wɔ honhom ateneatene mu (akyiridie), na yεkyε Nsεm Pa no wɔ asεnka ne nnwuma mu (adansedie). Berε a yεkɔ so nyini wɔ sεdeε yεtumi sɔre Nyankopɔn na yεko ɔko pa no, yεbεwie nyini wɔ yεn gyidie mu sεdeε yεbεtumi asiesie agyidifoɔ afoforɔ. Mmerε dodoɔ a agyidifoɔ wie nyini no, mmerε dodoɔ no ara na baakoyε ba asaɔre no mu, a εsɔ Kristo ani.
Emu nsεm
*Ka kasa ahodoɔ – Berε a wɔnam Honhom Kronkron no mmaeε so woo Asɔre no, (Asomafoɔ no Nnwu ma 2), agyidifoɔ nyaa akyεdeε firii ne hɔ, a na tumi a wɔde ka kasa a na εnyε deε wɔnim sεdeε wɔka no ka ho. Wɔbɔ saa akyεdeε yi so wɔ Apam Foforɔ mu sε εwɔ hɔ ma agyidifoɔ nyini (1 Kor. 12.1-31), berε a tebea afoforɔ mu no wɔmaa agyidifoɔ afoforɔ saa tumi korɔ yi ara de kaa kasa a na wɔnsuaeε, εna nsɔre afoforɔ gye di sε yei yε Honhom Kronkron no akyεdeε a wɔde ma ebinom, gya afoforɔ. Nsɔre afoforɔ gye di sε na kasa ahodoɔ ka wɔ hɔ ma tete asɔre no nko ara na εnnε agyidifoɔ nni saa akyεdeε yi.
Made with FlippingBook Ebook Creator