Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya • 57

2. Afei Honhom Kronkron no hyε (te mu) Okristoni biara a wasakyera na wagye Kristo adi mu. Kenkan Romafoɔ 8.9-17 na bua nsεmmisa a εdidi soɔ yi: a. Obi bεtumi anya nkwagyeε wɔ Kristo mu a ɔnni Honhom Kronkron no? (nky. 9-10) c. Yεbεyε dεn ahunu wɔn a nokorε mu wɔyε Nyankopɔn mma? (nky. 14-15) d. Sεn na Honhom no boa yεn ma yεhunu sε yεyε Nyankopɔn dea? (nky. 16-17) 3. Nyankopɔn Agya nam Honhom Kronkron no so ama yεn honhom mu adomakyεdeε a yεde bεsi Kristo nipadua baako no. Kenkan Romafoɔ 12.3-8. Bobɔ Honhom Kronkron no akyεdeε a wɔbobɔ din wɔ saa akenkansεm yi mu no bi din. b. Sεn na wɔbεnyane wɔn a wɔgye di no afiri owuo mu? (nky. 11)

a.

b.

c.

d.

e.

4. Akyεdeε, ɔsom, ne nnwuma a Honhom Kronkron no de ma gu ahodoɔ, nanso ɔma obiara akyεdeε sononko a ɔde bεhyε Akristofoɔ afoforɔ nkuran. Kenkan 1 Korintofoɔ 12. 4-11. Yi mmuaeε a εyε pa ara:

a. Wɔma honhom akyεdeε no sεdeε agyidifoɔ bεtumi abu wɔn ho yie.

b. Wɔde honhom akyεdeε no ma obiara.

c. Agyidifoɔ bεtumi ayi akyεdeε korɔ a wɔwɔ.

d. Nnipa binom nnya honhom akyεdeε da.

Made with FlippingBook Ebook Creator