Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
58 • Ko Gyidie Ko Pa no
5. Ɛwɔ sε agyidifoɔ yε ahwεfoɔ wɔ Nyankopɔn adom akyεdeε nwanwasoɔ so, de yε adwuma wɔ kwan a εbεhyε Awurade ankasa animuonyam wɔ Yesu Kristo mu. Kenkan 1 Petro 4.7-11. Fa kasasin no ma nokorε a εne no kɔ:
a. Monnodɔ mo ho
___ Wɔ ahoɔden a Nyankopɔn de ma mu.
b. Kyerε ahɔhogyeε
___ Kata bɔne dodoɔ so
c. Fa w’akyεdeε
___ Te sε deε wode Nyankopɔn asεm reyε adwuma
d. Kasa
___ Mfa anwiinwii
e. Som
___ Monsom mo ho mo ho, sε Nyankopɔn adom ahwεfoɔ
6. Honhom Kronkron no afrε yεn sε yεnnya yεn fahodie, mfiri mmaratoɔ ne afɔbuo nyinaa mu. Ɔma yεn tumi a yεde bεsɔ Nyankopɔn ani, na εnyε sε yεde yεn fahodie no bεyε anoyie ayε deε yεpε. Kenkan Galatiafoɔ 5.13-16. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya ato hɔ no.
a. Wɔfrεε wo sε ____________________________.
b. Momfa mo fahodie nyε akwanya __________________, na mmom ____________________________ mo ho mo ho.
7. Yεwɔ ɔpε, sε yεde nneεma a Honhom Kronkron no pε sε yεyε, anaasε deε yεn ara abɔsu dada bɔne no anigye ho no bɔ bra. Emu deε yεyi biara, εho nsunsuansoɔ bεda adi wɔ yεn abrabɔ mu. Kenkan Galatiafoɔ 5.16-24, na bua nsεmmisa a εdidi soɔ yi (nokorε anaasε atorɔ): a. N anaasε A. Sε yεnante wɔ Honhom no mu a, yεremma yεn ani nnye yεn abɔsu dada no pε ho. b. N anaasε A. Honhom Kronkron no foa yεn abɔsu dada no so fa deε εyε nokorε ho. c. N anaasε A. Berε a yεn abɔsu dada no nnwuma ahinta no, Honhom no aba da adi pefee.
Made with FlippingBook Ebook Creator