Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya • 59
8. Kristo hyεε bɔ sε ɔbεsoma Honhom Kronkron no na asiesie agyidifoɔ ma wɔayε n’adwuma wɔ wiase. Kenkan Yohane 16.5-15. Bobɔ nneεma mmiεnsa a Yesu kaa sε Honhom Kronkron no bεyε ama yεn.
a.
b.
c.
9. Wɔafrε ogyidini sε ɔne Honhom Kronkron no nka mmɔ mu wɔ akwan nyinaa mu, nyε setie mma n’Asεm na ɔnni ne nkanyan so. Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na kyerεkyerε sεdeε εwɔ sε yεbua Honhom Kronkron no.
a. Romafoɔ 8.22-27
b. Efesofoɔ 4.30
c. Galatiafoɔ 5.16
d. Efesofoɔ 5.18
e. 1 Tesalonikafoɔ 5.19
10. Nyankopɔn ama mmarima ne mmaa a wɔwɔ akyεdeε a wɔn adwuma ne sε wɔma Kristo nipadua no yε den na awie nyini. Kenkan Efesofoɔ 4.11-15. Akannifoɔ pɔtee bεn na Awurade de wɔn ama Asɔre no sεdeε εbεtumi awie nyini wɔ Kristo mu? 11. Honhom Kronkron ma yεn tumi ma yεte honhom mu nokorε ase na εma yεn ahoɔden a εbεma yεahyε ma wɔ Nyankopɔn mayε mu. Kenkan Efesofoɔ 3.16-19. Bobɔ nneεma mmiεnsa a Paulo bɔ mpaeε sε Honhom no bεyε wɔ yεn mu.
a.
b.
c.
Made with FlippingBook Ebook Creator