Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

60 • Ko Gyidie Ko Pa no

Yesu bɔɔ mpaeε maa yεn, ne wɔn a wɔbεba abεgye no adi sε Awurade ne Agyenkwa. Ɔhyεε bɔ sε Honhom Kronkron no bεba abεyε ne fie wɔ yεn mu. Seesei, Honhom Kronkron no wɔ (te mu) Okristoni biara a ɔsakyera na ɔgye Yesu Kristo di mu. Ɔma ankorankoro Kristoni biara akyεdeε ne tumi sononko a wɔahyehyε sε εbεhyε agyidifoɔ den wɔ Kristo mu, na aboa ma wɔawie nyini wɔ Yesu mu. Nokorε mu, Honhom Kronkron no ne bɔhyε (ntoaseε) ma daakye agyapadeε a Akristofoɔ bεnya berε a Awurade Yesu Kristo bεsane abεsi n’Ahemman. Nyankopɔn Agya nam Honhom Kronkron adɔeε so ama ogyidini biara honhom akyεdeε a εbεma no ahoɔden na ahyε ne nkorɔfoɔ nkuran. Berε a Honhom Kronkron no bεtumi ama akyεdeε, ɔsom, ne nnwuma ahodoɔ no, ɔma Okristoni biara akyεdeε sononko a wɔde bεhyε Akristofoɔ afoforɔ nkuran. Ogyidini biara wɔ akyεdeε, na wɔafrε obiara sε wɔmfa wɔn akyεdeε no nhyε Kristo nipadua no den na εnwie nyini. Wɔafrε yεn sε yεnyε ahwεfoɔ pa wɔ Nyankopɔn akyεdeε nwanwasoɔ yi ho, yεmfa nyε adwuma wɔ kwan a εbεhyε Awurade ankasa animuonyam wɔ Yesu Kristo mu. Honhom no mu, wɔafrε yεn sε yεnnya yεn fahodie, nnyε sε nkoa mma yεn abɔsu dada no, na mmom sε Honhom no akwan, a n’aba bεtumi aso afiri mu. Yεhia sε yεde yεn ho ma no kεkε, na yεdi n’akyi wɔ nneεma nyinaa mu. Mmataho a εwɔ sε wosua na wosusu ho a εfa saa adesua yi ho na εdidi soɔ yi: Yεn Anidasoɔ Paemuka: Fahodie wɔ Kristo mu (Mma. 9) Nasaretni Yesu: Daakye a Ɛwɔ Hɔ (Mma. 4) Ahome korɔ no ara na yεhu gu atεntεbεn, abεntia ne hu-ma-εmpae mu, nanso nnwom nsonoeε na εba sεdeε nneεma a wɔde yɔeε teε. Saa kwan no ara so na Honhom baako no yε adwuma wɔn yεn, Nyankopɔn mma mu, nanso nsunsuansoɔ nsonoeε na εba, na wɔnam so hyε Nyankopɔn animuonyam sεdeε obiara suban ne nipasu teε.

Muabɔ

Mmataho

~ Sadhu Sandar Singh. Richard J. Foster ne James Bryan Smith, Eds. Devotional Classics: Revised Edition: Akenkan a Wɔayiyi ma Ankorankoro ne Akuo. Renovare, Inc. (HarperCollins Publishers), New York. 1993, p. 291.

Nyankopɔn na ɔyε adwuma wɔ wo mu wɔ deε mopε na moyε sεdeε ne botaeε pa teε (Filipofoɔ 2.13).

Nnyinasosεm a Ɛhia

Made with FlippingBook Ebook Creator