Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya • 61
Kenkan na dwennwene nsεm ne nsusuiε a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuasεm a εwɔ soro a wosuaeε no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie mu. 1. Honhom Kronkron no bεtumi afiri Okristoni nkyεn da anaa? Ɛwɔ mu a, okristoni biara bεhyia nsɔhwε sε ɔbεgye nkwagyeε ho akyinnyeε, dwene mpo sε Honhom Kronkron no afiri ne nkyεn. Nkyerεkyerε binom kyerε sε onipa a wasekyera na wagye Kristo adi bεtumi, εnam wɔn ara anidaho asoɔden kyerε Nyankopɔn nti, ahyε da ayε nneyεε wɔ kwan bi so sε wɔnyε Kristo ba bio. Hwehwε Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua asεmmisa yi: Honhom Kronkron no bεtumi afiri Okristoni nkyεn da anaa? c. Romafoɔ 8.31-39: 2. Mεyε dεn ahunu sε adeε bi firi Honhom Kronkro no na εnyε me? Nneεma titire a εha ogyidini biara a ɔrenyini wɔ Kristo mu no mu baako ne sε wɔbεdi wɔn ara adwene ne nsusuiε so. Ɛmfa ho sε wɔagye yεn nkwa na yεyε Yesu Kristo dea, ɔtamfo no da so nya kwan wɔ yεn adwene mu, na ɔsusu nneεma a εmfiri Awurade anaa εho mma mfasoɔ mma yεn kyerε yεn. Ɛnyε nsusuiε biara a εba yεn adwene mu na εfiri Awurade! Ɔbonsam yε ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ (Yohane 8.44), na yεbεtumi adi ne so nkonim εfiri sε Honhom Kronkron no (Nea ɔte yεn mu no) yε ɔhoɔdenfoɔ kyεne no (1 Yohane 4.4)! Yεbεtumi asuasua yεn Awurade, asi ɔbonsam kwan berε a yεrete Twerεnsεm no ase, na yεapo sε yεgye anaa yεfa adwene ne nsusuiε a εbεkɔ so wɔ yεn adwene mu nyinaa ma yεn ho (Rom. 12.1-2; 2 Kor. 10.3-5). Kenkan Yesu nsɔhwε a εfiri ɔbonsam ho amanebɔ, na hunu sεdeε ɔde Nyankopɔn Asεm no buaa ɔbonsam atorɔ, na woatumi adi ne nhwεsoɔ akyi (Mat. 4.1-11) 3. Abusuabɔ bεn na Honhom Kronkron no ne Nyankopɔn Asεm wɔ? Ɔkwan sɔnn, a tumi wom a wode bεhunu Honhom no adwene ne sε wobεhunu n’Asεm. Twerε Kronkron ka sε Honhom Kronkron no de Twerε Kronkron atwerεfoɔ no kɔɔ tebea bi a deε wɔtwerεeε no firi Nyankopɔn ankasa nkanyan mu (2.Pet. 1.20-21; 2 Tim. 3.15 17). Berε a yεte Twerε Kronkron mu nsεm, yεkenkan, yεkaekae emu nkyekyεmu, sua akenkansεm, na yεsusu emu nsεm ho no, yεbεtumi abεhunu Honhom Kronkron no adwene. Okristoni akodeε a εyε nam ne Nyankopɔn Asεm, “Honhom nkrantε” (Efe. 6.17). Adεn nti na εhia sε yεde nsεm a yεte nyinaa toto Honhom nkrantε, Twerε Kronkron, nkyerεkyerε ho (hwε 1 Tesa. 5.19-21? a. 1 Yohane 5.11-13: b. Efesofoɔ 1.13-14:
Nsεm mu Nhwehwεmu
Made with FlippingBook Ebook Creator