Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

62 • Ko Gyidie Ko Pa no

Sε Okristoni foforɔ a ɔrenyini no, εhia sε wote Honhom Kronkron akyεdeε no ase, deε obiara a ɔgye Kristo di no nya no. “Na da a εtwa toɔ a εyε afahyε no mu da kεseε no, Yesu sɔre gyinaae teaam sε, ‘Sε sukɔm de obi a, ma ɔmmra me nkyεn mmεnom nsuo. Obiara a ɔgye me di no, sεdeε Twerεnsεm no aka no, nkwa nsuo bεtene wɔ n’akoma mu.’” Na ɔkaa yei faa Honhom no ho, deε na wɔn a wɔgyee no diiε no bεnya no, na na Honhom no nnya mmaeε, εfiri sε na wɔnnya nhyεε Yesu animuonyam” (Yohane 7.37-39). Woyε ogyidini yi, wɔasɔ wo ne Honhom Kronkron no ano kɔsi da a Kristo bεsane abεgye yεn (Efe. 1.13-14). Mmerε a εsε mu wɔ abakɔsεm mu no, Nyankopɔn somaa ne Ba no sε ɔmmεgye yεn sεdeε wɔbεgye yεn a yεgye di no akɔ n’abusua mu sε ne mma. Afei, esiane sε yεyε ne mma nti, Nyankopɔn somaa Yesu Honhom baa yεn akoma mu, a εreteam sε, “Abba! Agya!” (Gal. 4.6-7) Honhom Kronkron no afrε wo sεdeε wobεnya wo fahodie, wobεnante wɔ n’ahoɔden mu, wakyerε wo na ɔnam n’Asεm so ahyira wo. Wɔafrε yεn sε yεnnya yεn fahodie mfiri afɔbuo, mmarato, ne animguaseε mu. Ɛnni sε yεde yεn ho ma yεn ara pεsεmenkomenya akwan a εyε bɔne no bio. Yεbεtumi anya adwene, suahunu ne asetena akwan su foforɔ, na yεanya akwan afoforɔ a yεne afoforɔ de bεdi nkitaho. Ɛnam sε Honhom Kronkron no te yεn mu nti, εnyε yεn sε yεbεdi yεn bɔne-su dada no akɔnnɔ akyi. Wowɔ ɔpε; wobεtumi de nneεma a Honhom Kronkron no pε sε woyε, anaasε de wo bɔne-su dada a w’ani gye ho no abɔ bra. Deε yεfa biara, otwaberε bi wɔ hɔ (Gal. 6.7-9). Yi nkwa! Nante wɔ Honhom no mu na εnyε honam mu. Srε Honhom Kronkron no na ɔnhyε wo den. Tena n’Asεm (Twerεnsεm no) mu, na kasa kyerε no berεbiara. Yε setie ntεmso wɔ nneεma a ɔbεka sε yε nyinaa mu. Mma w’aba mu mmu nso. Mpεn dodoɔ a wo ne Honhom Kronkron no “kɔ so nante” no, εyε mmrε ma wo sε wobεtie no, ayε setie ama no, na woadi ne nkyerεkyerε so.

Abusuabɔ

Honhom Kronkron no te me mu, a εma me akwankyerε ne ahoɔden de yε n’adwuma wɔ fahodie ne akokoɔduro mu sεdeε Asɔre no bεwie nyini wɔ baakoyε mu ahyε Nyankopɔn animuonyam.

Adansedie

Na John Chrysostom (349 – 407) yε ɔkandifoɔ bi a ne ho hia wɔ tete Asɔre no mu, a na wɔnim no wɔ ne nsεmpaka a na εyε anigyeε ne ne badwam kasa ho. Nokorε mu, n’ahotεdin (Chrysostom) no firi Greek kasa “Chrysostom,” a asekyerε ne “ɔnotefoɔ”

Mpaebɔ

Made with FlippingBook Ebook Creator