Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 4 Adom Akyεdeε a Yεnya • 63

Mmɔborɔhunu Mpaebɔ, John Chrysostom Slavonia Som yεbea Wɔ asomdwoeε mu, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Asomdwoeε a εfiri ɔsoro nti, ne yεn akra nkwagyeε nti, Momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Wiase nyinaa asomdwoeε nti, ne Nyankopɔn nsɔre kronkron pa nti, ne yεn nyinaa nkabom nti, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Saa efie kronkron yi nti, ne wɔn a wɔde gyidie, anidie ne nyamesuro wura mu nti, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Yεn (ahwεfoɔ ne) asɔfo kuo afoforɔ nti, ne asafo a wɔhwε wɔn so nti, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Yεn man nti, emu nnipa nyinaa nti, ne wɔn a wɔde nkuro tumi ahyε wɔn nsa nti, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. Kuropɔn yi nti, ne nkuropɔn ne aman, ne wɔn a wɔde gyidie tena mu nti, momma yεmmɔ mpaeε nkyerε Awurade. Awurade, hu yεn mmɔbɔ. ~ Roger Geffen. Badwam Mpaebɔ Akwankyerε nwoma . p. 115. O, Nyankopɔn Honhom, Agya no ne ne Ba, Yesu Kristo Honhom, woyε Nyankopɔn, Wotɔ so Mmiεnsa wɔ Anyame Baasakoro no mu. Wone nokorε, ɔdɔ ne kronkronyε Honhom no, na yεnim sε wɔsomaa wo firii Agya no nkyεn brεε yεn berε a Awurade Yesu bisaeε. Esiane sε mede me ho ato Yesu so nti, woaba me nkyεn, na afei mede obuo ma wo, na mede m’akoma nyinaa dɔ wo. Meda wo ase sε woatena me mu, sε woasɔ m’ano sε Nyankopɔn ankasa agyapadeε, na woakyerεkyerε me Nyankopɔn Asεm sεdeε mεhunu na mahwehwε Nyankopɔn sε me hann ne m’ahoɔden. Wone m’ahoɔden. Fa Awurade ho dɔ, ne Nyankopɔn suro hyε m’akoma ma. Di m’anim kɔ Awurade akwan so, na di ɔpε biara a εbεma mayε bɔne anaa mapo wo pε ne adwuma so wɔ me mu. Ma me aboterε ne namyε, na mankɔtɔ bɔne mu, na to me gyidie mu, na mafam wo ho, agyina wo so, na menam wo so abεyε te sε m’Awurade Yesu. Enti sesa m’abrabɔ sεdeε εbεtumi abεyε abrabɔ kronkron, abrabɔ a woafrε me sε memmɔ, na boa me ma mensɔ w’ani, Ɔsoro Agya, wɔ nneεma nyinaa mu. Wone me Fibea, wo a wo ne Yesu ne Honhom no bom di hene sε Nyankopɔn. Wɔ m’Awurade Yesu Kristo mu na mebɔ mpaeε. Amen

Akoma mu Sufrε kyerε Awurade

Made with FlippingBook Ebook Creator