Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 5 Deε Ɛkyεne Soɔ a Yεkyerε Yεretena sε Nyankopɔn Ahotefoɔ ne Kristo Ananmusifoɔ wɔ Saa Wiase yi mu Ɛnneε εsε sε yεyε Nyankopɔn asuasuafoɔ, bɔ bra sε ɔno ara mma a n’ani gye wɔn ho. Na εwɔ sε yεsua sε yεnante ɔdɔ mu, yεyε saa mpo wɔ kwan a Kristo dɔɔ yεn na ɔde ne nkwa maae εnam yεn nti, sε ohwam afɔreε ne afɔrebɔdeε a wɔde ma Nyankopɔn. Nanso εnni sε wɔbɔ adwamammɔ nneyεε anaa efi adeyε anaa anibereε * biara din wɔ mo ntam, εfiri sε yei remma mo mfata sε Nyankopɔn mma kronkron, sε n’ahotefoɔ *. Ɛnni sε aniwudeε, nkwaseasεm, anaa asereseresεm a εnsε biara ba mo nyinaa ntam, saa nneεma yi ne mo frε nkɔ. Mmom, εwɔ sε mo nsεm yε aseda ne anisɔ. Hunu yei nokorε mu sε, obiara a ɔbɔ adwaman anaa ne ho nteε, anaa ɔyε oniberefoɔ (a εne, ɔbosonsomni *), rennya tenabea anaa gyinabea anaa adedie abodin wɔ Yesu Kristo ne Nyankopɔn Agya ahemman no mu. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Efe. 5.1-5) Ɔfa yi nkɔ awieeε no, wobεgye Deε Ɛkyεne soɔ a Yεkyerε no atom berε a woregye adi sε: • Ɛwɔ sε yεsuasua Nyankopɔ, sε ɔno ara mma a ɔdɔ wɔn. • Sε ahotefoɔ (wɔn a wɔn ho teε) wɔ Kristo mu no, εwɔ sε yεyε Nyankopɔn ananmusifoɔ wɔ afoforɔ anim sε ɔno ara nkorɔfoɔ a wɔn ho teε na wɔwɔ aseda. • Sε ananmusifoɔ no, εwɔ sε yεne yεn ayɔnkofoɔ, abusuafoɔ, ne afipamfoɔ kyε nkwagyeε Asεm Pa no, berε a yεde nnwuma pa som afoforɔ de da Kristo dɔ adi. *anibereε – Anibereε yε ɔpε a ano yε den sε wobεnya adeε bi anaa obi a εyε obi foforɔ dea. Ɛboro sε worepε adeε bi kεkε, na εyε anibereε a εtra so a εfiri pεsεmenkomenya ne ahomasoɔ a εnkyerε obuo mma Nyankopɔn botaeε mu ba. *ahotefoɔ – Ɔhoteni yε obi a wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn adeε, a wɔkyerε wɔ ɔsom ne ɔsɔreε mu. Wɔtaa yε mfomsoɔ wɔ ne nkyerεaseε mu sε obi a ɔwɔ suban pa boro so na ɔyε nyamesomni. Nanso asεmfua “ɔhoteni” ne “te ho” anaa “ahoteε” nyinaa gyina adwene baako so: adeε bi a wɔayi asi hɔ ama botaeε sononko bi. Nwεsoɔ, sε wowɔ ataadeε anaa mpaboa sononko bi a wohyε no mmerε sononko bi a, saa ataadeε no “woayi asi hɔ” (anaa ate ho) ama dwumadie sononko. Saa kwan no ara so, “ahotefoɔ” yε nnipa sε yεn ara a Nyankopɔn ayi wɔn asi hɔ sε wɔnsɔre na wɔnsom no. *ɔbosonsomni – Ɔbosonsomni yε obi a ɔsom abɔdeε bi kyεne sε ɔresom Ɔbɔadeε no. Esiane sε nnipa pε sε wɔn abrabɔ yε papa, na ɔhaw nni mu nti, wɔabɔ mmɔden sε wɔbεnya tumi wɔ wɔn tebea so berε a wɔnya adom firi tumi a wɔntumi nte aseε hɔ. Enti nnipa som nsuo, ewiem tebea, anaa nkonimdie wɔ ɔko mu anyame ahoni a wɔayε, kyεne sε wrenya awerεhyem wɔ Ɔbɔadeε no mu. Afoforɔ yε aniberefoɔ wɔ deε wɔn ara bεnya ho na wɔde wɔn werε hyε nhyehyεeε te sε ankorankoro dwadie, nwomasua, nyamesom nnwuma, anaa sogyasεm mu. Enti ɔbosonsomni yε obiara a ɔhwehwε sε wɔbεnya deε wɔhia firi adeε biara, a εnyε Nyankopɔn hɔ.
Botaeε
65
Made with FlippingBook Ebook Creator