Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
66 • Ko Gyidie Ko Pa no
Onniawieε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye tom sε yei yε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akura Nokwasεm no mu pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε bue m’adwene mu na kyerε me ɔkwan a εsε sε mefa so (Nnwom 32.8), na fa m’anammɔn sisi yie. Ma menyε aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εda nkyerεkyerε a εyε nyamesom ne deε εnyε nyamesom, ahonhom, ne akyεdeε ntam. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me sεdeε wo pε teε, na ma me nhumu wɔ sεdeε mεtumi de m’akoma nyinaa ayε deε wopε. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me ma menyε ntεm ntie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akoma mu nsusuiε nsɔ w’ani. Ma memfa nyansa nka wo nokwasεm, sεdeε obiara a mεkasa akyerε no bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me seesei wɔ adesua yi mu berε a megye w’Asεm ne akwankyerε. Mebisa saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa Yesu din a tumi wom mu, Amen. 1. “Ɛhefa na mεnya ahoɔden de ayε saa, mekyerε, mεyε te sε ɔno?” Sε n’abrabɔ a atwam fa bi no, na Okristoni kumaa bi ka ekuo bi a na wɔkyiri nnipakuo pɔtee bi, εyε “Aborɔfo.” Biribiara a ne kuo no yεeε, biribiara a wɔkaeε, ne biribiara a na wɔpε fa soboɔ a na wɔde bɔ Aborɔfo fa deε na wɔde ayε afoforɔ wɔ abakɔsεm mu ho. Na ekuo no botaeε ne sε wɔbεtua wɔn pira ne abɔnefosεm a wɔde ayε afoforɔ no so ka, wɔbεma wɔahwe ase na wɔapira wɔn berε biara ne ɔkwan biara a wɔbεtumi so. Berε a ɔsakyeraeε na ɔgyee Kristo diiε no, saa Okristoni kumaa yi poo saa kuo yi ne ne nitan ma Aborɔfo no, nanso na ɔwɔ ɔhaw fa sεdeε ɔbεkora ne ho na ɔnsane nkɔ ne suban dada a na εyε kasa ne nneyεε a watena mu mfeε bebree no mu. Ɔdwennwenee yei ho mmerε kakra akyire no, ɔkaa sε, “Mempε sε mεyε te sε deε na meteε no, na mabεte aseε yie sε Awurade pε sε meyε te sε ɔno. Nanso, nokorε mu, εhefa na mεnya ahoɔden de ayε saa, mekyerε, ayε te sε ɔno?” Afotuo bεn na wode bεma saa Okristoni kumaa a ɔrebrε yi wɔ saa asεm yi ho? 2. “Menyεε obi a ne ho ate da, εna, mennye nni sε mεyε saa nkorɔfoɔ no bi da. Me, Ɔhoteni?” Yεne Okristoni kumaa bi (a na n’ani afi kakra) Twerε Kronkron adesua bi mu no, yεbεhunuu nkyerεkyerε sε Nyankopɔn hwehwε sε yεbεyε ahotefoɔ (wɔn a wɔn ho teε) wɔ Kristo mu. Na Twerεnsεm no mu da hɔ fann sε εwɔ sε yεbɔ yεn bra sεdeε afoforɔ bεhunu sε yεgyina Nyankopɔn anamu wɔ deε yεyε mu. Wɔafrε yεn sε yεnnyina sε wɔn a wɔayi wɔn asi hɔ ama Nyankopɔn botaeε ne adwuma, sε ɔno ara
Nyansasrε Mpaebɔ
Emu nsεm
Made with FlippingBook Ebook Creator