Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 5 Deε Ɛkyεne Soɔ a Yεkyerε • 67
nkorɔfoɔ kronkron a wɔwɔ aseda. Na Okristoni kumaa no ntumi nhunu sεdeε ɔbεtumi ayε te saa, sε ɔdwene nneεma a wayε nyinaa, ne sεdeε wabɔ ne bra a atwam no. Ne ho dwirii no sε Nyankopɔn bεfrε no “ɔhoteni.” Ɛyε dεn na wɔtumi frε yεn “wɔn a wɔn ho teε” berε a yεayε nneεma a yεayε no berε bi a atwm no? 3. “Woyε Okristoni a εte sε woyε kokoam odwumayεni ma Nyankopɔn Ahemman!” Ebia woahunu ntetε sini bi a kokoam odwumayεni bi a ɔgyina ɔman foforɔ bi ananmu wura tebea bi mu na ɔboa ne man. Anaa, woatie kaseεbɔ na woate sε ananmusini bi kasa fa ne man adwenkyerε wɔ asεm bi ho, a εfa afoforɔ nhumu ne nhyehyεeε a εwɔ ne man mu ho. Berε a ɔrekasa no, na wɔgyina wɔn man ananmu, rekasa te sε deε ɔman mu no nyinaa gyina hɔ na wɔreka deε wɔgye tom fa saa asεm no ho. Sεn na sεdeε Twerε Kronkron de ananmusini nsusuiε di dwuma no boa yεn ma yεte Okristoni adwuma ne asεdeε ase wɔ wɔn abusua, ayɔnkofoɔ, fekufoɔ, ne afipamfoɔ anim, resom sε Awurade adwumayεni ne ananmusini ma Ahemman no? Adesua a εtwaam ( Adomakyεdeε a Yεgye ) mu no wosuaa sε berε a wɔgyee wo nkwa no, Nyankopɔn Honhom Kronkron maa wo akyεdeε bi a wode bεsi Kristo Nipadua no. Afei wobεhwehwε mu yie sεdeε Nyankopɔn pε sε ɔde wo yε adwuma wɔ akwan a εyε so na woagyina n’ananmu wɔ wiase berε a woko gyidie ko pa no. Afei a yεnam Yesu Kristo mu gyidie so abεyε Nyankopɔn mma ankasa yi (1 Yohane 3.1-3), wɔafrε yεn sε yεmmεyε te sε Awurade, nsuasua Nyankopɔn suban, nyε te sε ɔno, na yεnnɔ afoforɔ te sε deε ɔte yεn mu wɔ asase so ha. Wɔafrε yεn “ahotefoɔ,” wɔn a wɔn ho teε ankasa wɔ Nyankopɔn mu, ayε yεn ateneneefoɔ εnam yεn gyidie wɔ Kristo mu, nam Yesu mogya so ate yεn ho ahohoro yεn ho afiri bɔne ho. Nyankopɔn pε yεn ahoteε (nyi si hɔ ma Nyankopɔn adeε ne adwuma), sε yεn abrabɔ fa biara – yεn adwene ne suban, kasa, nneyεε, ne abusuabɔ – yεbεkyerε afoforɔ sε yεyε Kristo dea, na wɔbεtumi ahunu n’Ahemman wɔ yεn ntam, wɔ asɔre no mu. Ɛwɔ sε yεn a yεyε agyidifoɔ wɔ yεn abrabɔ nkyekyεmu ahodoɔ mu no fa ahoteεsu dibea, na yεma Honhom Kronkron no, fa berε ne ateneatene so, yε yεn sεdeε Agya no se yεyε no. Yεn mu biara hia sε ɔsua sεdeε yεbεhyε honamdua so wɔ kronkronyε ne anidie mu, na Nyankopɔn amfrε yεn amma abrabɔ a εyε pεsεmenkomenya ne akɔnnɔ bɔne, na mmom abrabɔ foforɔ a εho teε na εyε fε– abrabɔ a εhyε Nyankopɔn animuonyam. Bio nso, wɔayε yεn Kristo ananmusifoɔ, na afei Nyankopɔn nam yεn so de n’adebisa ma afoforɔ. Berε a yεpae mu ka sε Yesu yε Awurade, na ɔma obiara a ɔgye di nkwa no, yεbεtumi ama wɔagye yεn nkrasεm atom wɔ sεdeε yεbɔ yεn bra, nam yεn suban, yεn kasa, ne yεn nneyεε so. Afei, sε n’ananmusifoɔ
Emu nsεm
Made with FlippingBook Ebook Creator