Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
68 • Ko Gyidie Ko Pa no
no, wɔafrε yεn sε yεnnyε n’anokwafoɔ, nka ne nsεm, nna suban sononko adi mfiri wɔn a wɔnnim no ho. Sε yεbεsuasua wiase nkaeε no, yεkyerε mmom sε yεyε nnipa a wɔasakyera, nnipa a wɔwɔ aseda. Yεyε Kristo ananmusifoɔ. Yεdane yεn akyi ma abrabɔ bɔne a nyamesom nni mu, na yεbɔ Nyankopɔn-mahyε, Nyankopɔn-anidie bra, ne afoforɔ kyε nkwa a wɔde ama yεn wɔ Yesu Kristo, yεn Nyankopɔn ne yεn Agyenkwa mu. Yεyε n’adwinnie, a Nyankopɔn ayi yεn asi hɔ sεdeε yεnam nnwuma pa ahodoɔ a wasiesie ama yεn sε yεnyε so de animuonyam bεma no. Ɛwɔ sε yεdɔ na yεsom afoforɔ, ka n’ayεsεm, na yεto nsa frε afoforɔ bεka yεn ho, nkanka yεn abusuafoɔ ne ayɔnkofoɔ a yεne wɔn wɔ nkitahodie. Emu da hɔ fann wɔ ha sε ntetemu biara nni Nyankopɔn Ahemman kankɔ ne tema, mmɔborɔhunu ne atεntenenee mu. Nyamesεm fapem yei so na εsε sε yεde asɔre no kɔ te-ma, mmɔborɔhunu ne atεntenenee yε mu. Tema gyina hɔ ma Nyankopɔn dɔ a εwɔ yεn mu na εretene wɔ yεn mu, na εma yεnya atenka ma nnipa a wɔayera ne ɔpε sε yεbεhunu sε wɔanya abrabɔ foforɔ. Mmɔborɔhunu yε yεn suban a yεda no adi kyerε nkorɔfoɔ a wɔabotoɔ anaa aman a abotoɔ. Yei na εde yεn tra adwene a εbɔ nkorɔfoɔ soboɔ na εbu wɔn atεn wɔ baabi a wɔwɔ ho. Mpo berε a nkorɔfoɔ wɔ tebea a εnyε mu esiane wɔn mfomsoɔ no, mmɔborɔhunu ma yεma mmuaeε wɔ ɔkwan a εtra deε wɔfata so. Ɛyε kwan a Nyankopɔn de nam obi foforɔ so hunuu yεn berε a na yεrebɔ bra a εmmεn Nyankopɔn. Deε Ɛkyεne soɔ a Yεkyerε Adesua 5 Twerε Kronkron Adesua Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka emu biara nyamesεm nkyerεkyerε ho no tiawa 1. Wɔde yεn abɔ Yesu Kristo mu sε yεn abrabɔ, na yεso aba wɔ yεn abrabɔ mu (yεtena abrabɔ kronkron mu na yεkyε Kristo dɔ) εfiri sε yεne no wɔ ayɔnkofa (taa di nkitaho). Kenkan Yohane 15.1-8 na bua nsεmmisa a εdidi soɔ yi: a. Wɔ Yesu nteaseε mu wɔ bobe ho no, okuafoɔ, ne mman no, hwan ne Kristo, hwan ne Agya no, na yεn yεyε deεn? ~ Efrem Smith. The Post Black & Post White Church: Rebεyε Ɔman a Wɔdɔ wɔ Abusua-Ahodoɔ Wiase. San Francisco, CA: Jossey-Bass, 2012, kratafa 59.
Made with FlippingBook Ebook Creator