Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 5 Deε Ɛkyεne Soɔ a Yεkyerε • 73

Yεwɔ biribi te sε sɔhwε berε kronkron bi mu, a yεn nkwagyeε wɔ hɔ kɔsi sε yεbεhwe ase – na afei wɔatwa biribiara mu anaa? Wɔkɔ so hunu wɔn sε ɔhotefoɔ ne ananmusini, mpo berε a wɔayε bɔne akyiri no anaa? Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi, na wo ne ogyidini foforɔ nkyε wo mmuaeε, mma ntoboa ne akwankyerε: • 1Yohane 1.5-10 • Mmε. 24.16 • Yakobo 5.16 • Nw. 32.3-5 • Mmε. 28.12-13 2. Kristosom agyiansie baako na εwɔ hɔ ma asεm biara wɔ asafo mu anaa? Woretena sε Nyankopɔn ɔhotefoɔ ne Kristo ananmudini ma anigyeε, nanso ne yε nyε fo anaa mmerε. Ɛwɔ sε yεyε ahwεyie na yεamfa deε yεdwene amfrafra Nyankopɔn gyinaeεsie wɔ asεntitire bi ho, na yεnyε ahwεyie saa ara sε yεregye deε nnansa yi TV so ɔsεnkafoɔ bi dwene fa asεm bi ho sε εyε Asεmpa no nokorε. Saa ara na Akristofoɔ anokwafoɔ wɔ hɔ na wɔdi asie wɔ asεntitire bi ho, a afanu no nyinaa ti Twerεnsεm mu, de kyerε sε wɔn adwenkyerε ne nokorε “Kristosom” gyinaeεsie. Deεn na εwɔ sε Okristoni yε berε a wɔhyia agyidifoɔ a wɔyε den na wɔn adwenkyerε wɔ asεntitire bi ho bɔ abira? Ɛsε sε berε biara nsusuiε “papa” a εyε pefee baako pε na εwɔ hɔ fa asεntire biara a εba ɔman mu ho anaa? Sεn na Romafoɔ 14.1-12 boa ma yεte nsεm a εtete sei ase berε a yεne Awurade nante? 3. Sεdeε yεteε kasa fa yεn ho kyεne deε yεka. Asεmmisa biara nni ho sε, sεdeε yεteε kasa fa yεn ho kyεne deε yεka wɔ afoforɔ anim. Ɛsε sε yεyε ahwεyie sε εnyε yεn ano kεkε na yεde ka fa Nyankopɔn Ahemman no ho, na mmom yεyε deε yεka no ankasa sεdeε afoforɔ bεhunu na wɔadi nokorε no ho adanseε. Ɔsomafoɔ Yohane ma yei ho nhwεsoɔ wɔ nwoma a εdi kan no mu: Yei mu na yεte nokorε dɔ no ase – Yesu de ne nkwa too hɔ maa yεn. Ɛsε yεn nso sε yεde yεn akra to hɔ ma yεn nuanom mmarima ne mmaa wɔ Kristo mu. Nanso, sε obi wɔ wiase asetenadeε na ɔhunu ne nua sε ahia no, na ɔbɔ no ayamuɔnyono a, Nyankopɔn dɔ no te ne mu sεn? Mma nkumaa, mommma yεmmfa asεm anaa tεkyerεma nnɔ, na mmom momma yεnnɔ wɔ nneyεε ne nokorε mu (1 Yohane 3.16-18). Twerε Kronkron aka no pii sε agyidifoɔ mma wɔn dɔ nyε kann (Rom. 12.9), nna adi wɔ yεn som ma afoforɔ mu (Gal. 5.13), nnyε nsεm a εyε ahomka mu nko ara na mmom wɔ nneyεε mu nso (Yakobo 2. 15-17). Wodwene sε adεn nti na Awurade si so dua sε εwɔ sε yεn dɔ da adi, a εnyε kasa nko ara na mmom wɔ nnwuma pa ankasa mu sεdeε nnipa bεhunu na wɔate nka?

Made with FlippingBook Ebook Creator