Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

74 • Ko Gyidie Ko Pa no

Afei, εsε sε wodwene akwan a saa nyamesom nokorε a εwɔ ahoɔden yi bεnya nkεntεnsoɔ wɔ w’abrabɔ so. Esiane sε woyε Nyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn mu baako εnam Kristo mu gyidie nti, wɔafrε wo sε bεyε Nyankopɔn suasuafoɔ, na wɔfrε wo ɔhoteni, Nyankopɔn nipa a ne ho teε! Dwene sεdeε woyε wo ara wo nneεma mprempren yi ho, sεdeε wo kasa ne nneyεε a woyε kyerε afoforɔ, sεdeε wo ne abusuafoɔ ne ayɔnkofoɔ di nkitaho, ne sεdeε wohwε afoforɔ. Bisa Honhom Kronkron no na ɔmma wo ahoɔden ne nyansa sεdeε wobεbɔ bra a εne Nyankopɔn frε no kɔ yie, ne nnipa a wo ne wɔn di nkitaho. Nneεma bεn na wohia sε wogae yε, nneεma a εbεtumi asi wo kwan wɔ Kristo ho, na ama afoforɔ nsusuiε a εnyε fa w’adansedie ho? Afei nso, woyε Kristo ananmusini, a wɔafrε wo sε gyina hɔ ma Kristo ne n’Ahemman wɔ deε woka na woyε nyinaa mu. Akwan bεn so na wobεtumi adi nkitaho anaa ayε nneyεε papa akyerε afoforɔ a εbεma wɔahunu sεdeε Kristo teε ankasa yie, ne deε n’Ahemman no fa ho? Nsuro sε wobεdi nokorε. Ebia εwɔ sε wogyae nneεma bi koraa, wohyε aseε yε nneεma bi, anaa sesa suban anaa abusuabɔ bi. Ebia Nyankopɔn bεma woakɔ so ayε biribi, anaa bεma wo ataa ayε, anaa wo ne afoforɔ ayε. Ma Honhom no kwan berε a ɔkasa kyerε wo fa w’ahoteε ne w’ananmusie ho, na afei yε adeε biara a ɔbεhyε wo. Kae sε, onyamesompa tiawa mu ne setie a wɔkɔ so yε wɔ akwan nketenkete a wɔntumi nkan so, daa ne daa. Bua Nyankopɔn berε a ɔkasa kyerε wo, na tena wo su foforɔ sε Nyankopɔn ɔhoteni, ne Kristo ananmusini mu. Na Augustine a ɔfiri Hippo (354-430) yε nyamesom ho nimdefoɔ ne nyansafoɔ a ne ntwerεeε nyaa nkεntεnsoɔ wɔ Asɔre no kankɔ mu wɔ Aborɔfo amammerε mu. Na ɔyε hwεsofoɔ wɔ Hippo (εnnε yi Algeria). Wɔhunu no sε Asɔre no Agyanom a wɔn ho hia yie pa ara no mu baako. Ne nnwuma a εho hia yie pa ara no mu bi ne “Nyankopɔn Kuropɔn” ne “Bɔneka.” Mpaebɔ a wɔde Hunu Nyankopɔn, Augustine Awurade Yesu, ma menhunu me ho na menhunu Wo, na mma mempε biribiara gye sε Wo. Ma mentane me ho na mennɔ Wo. Ma menyε biribiara mma Wo. Ma memmrε me ho ase na mempagya Wo. Mma me nnwene biribia gye sε Wo. Ɛnam Nyankopɔn tumi a εyε adwuma wɔ me mu nti, mεtumi asuasua Nyankopɔn su, agyina hɔ ama Nyankopɔn sε n’ananmusini wɔ ɔdɔ ne ɔsom ma afoforɔ mu.

Abusuabɔ

Adansedie

Mpaebɔ

Ma menwu mma me ho na mentena Wo mu. Ma mennye biribiara a εsie nto mu sε εfiri Wo.

Made with FlippingBook Ebook Creator