Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 5 Deε Ɛkyεne Soɔ a Yεkyerε • 75
Ma mempo me ho na menni W’akyi, na mennya ɔpε daa sε mεdi W’akyi. Ma mennwane mfiri me ho mmεnya dwanekɔbea wɔ Wo mu. na mafata sε mεnya bammɔ wɔ Wo mu. Ma mensuro mma me ho, ma mensuro Wo, na ma menka wɔn a Woayi wɔn no ho. Ma mennye me ho kyim na memfa me werε nhyε Wo mu. Ma mennya ɔpε sε mεyε setie esiane Wo nti. Mma memfam biribiara ho gye sε Wo, na ma menyε ohiani esiane Wo nti.
Hwε me so, na madɔ Wo. Frε me na mahunu Wo,
na manya anigyeε daa wɔ Wo mu.
~ Don L. Davis. A Sojourner’s Quest . Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2010, pp. 93-94.
Onniawieeε Nyankopɔn, m’Awurade Kristo Nyankopɔn ne Agya, meda wo ase sε woafrε me sε menyε ɔhoteni ne ananmusini mma Kristo. Mepε sε megyina hɔ ma wo wɔ deε meyε nyinaa mu, dane m’akyi ma wiase yi mu mmusuo, na mekɔ m’anim wɔ ɔfrε a wode ama me sε mεtena w’Ahemman a εbεba no mu. Agya, mesrε sε, ma me ahoɔden a mede bεyε ɔhoteni, atena kronkron mu ne ahoteε mu wɔ w’anim da biara. Wo ne me nnante, na boa me. Ma memfa anidasoɔ ne akokoɔduro nhyia da biara, berε a menim sε wo Honhom ka me ho, na ɔbεboa me berε a mehyia akwansideε ne nneεma a εyε den wɔ da no mu. Sε w’ahoteni, εne w’ananmusini no, mma menhwere wo nkitahodie nnε, na boa me ma menkae wɔ nneεma nyinaa mu sε, menyε me ara me dea bio. Wotɔɔ me aboɔden, Yesu mogya no, na seesei meyε wo dea. Enti, kora m’adwene ne m’akoma, εmfa ho ne deε mεfa mu nnε nyinaa. Boa ma afoforɔ mfa me so nhunu wo, wɔ deε meyε, sεdeε me nneyεε teε, ne sεdeε me ne obiara nkitahodie teε nnε. Bue m’ani yie na menhunu sεdeε mede animuonyam bεbrε wo wɔ deε meyε na meka nyinaa mu. Saa nneεma yi ho na mebɔ mapeε, wɔ m’Awurade Yesu Kristo mu, amen.
Akoma mu Sufrε kyerε Awrade
Yεwɔ ɔfa bi a yεayi asi hɔ ama atwerε ne mfoniyε afidie aboadeε wɔ www.tumi.org/sacredroots . Don L. Davis. Vision for Mission: Retete Ɔsomafoyε Akoma .
Ma Adesua Bebree
Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2012. (Saam moa akwan yi wɔ www.tumistore.org.)
Made with FlippingBook Ebook Creator