Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
76 • Ko Gyidie Ko Pa no
Adesua a εdi soɔ mu no, wobεhwehwε Nkuranhyε a Yεhwehwε a saa atifinsεm yi ka ho: 1. Yεbom tena wɔ ɔman mu. 2. Yεbom som Kristo wɔ asafo no mu ne akuo nketewa mu. 3. Yεbrε yεn ho ase ma yεn ho wɔ anidie a yεde ma Kristo mu.
Ma Adesua a Ɛdi soɔ
Efesofoɔ 2.10
Twerεsεm Nwegutirim Dwumadie
1. Fa simma du yε nsusuiε mmoano a εbεma woatumi ayε hwεsofoɔ papa wɔ deε Nyankopɔn de ama wo so. Dwene wo sika ne nneεma ho. Twerε sεdeε wɔn ho bεtumi aba mfasoɔ ama asɔre no wɔ wo nsεmma nwoma mu. 2. Fa simma du bu w’abrabɔ ho akonta wɔ anisɔ mu. Ɛhefa na w’ani sɔ na εhefa na woyε oniberefoɔ anaa ahoɔyaa? Bisa Nyankopɔn fa baabi a ɔde wo rekɔ brεoo a εbεma w’ani asɔ nneεma a wowɔ anaa w’abusuabɔ na twerε fa yei ho gu wo nsεmma nwoma mu. 3. Fa simma du bu akonta fa sεdeε wode wo berε yε adwuma ho. Bisa Nyankopɔn sεdeε wobεyε wo nhyehyεeε tiawa na woanya berε ama Honhom Kronkron no akwankyerε. Twerε fa yei ho wɔ wo nsεmma nwoma mu. 4. Wo ne ogyidini bi a wawie nyini nkasa mfa adesua a wɔasua fa sika, anibereε, ne abrabɔ kwan a εnyε kyenkyεnn ho.
Made with FlippingBook Ebook Creator