Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 6 Nkuranhyε a Yεhwehwε Yεrehyε Yεn Ho Yεn Ho Den wɔ Kristo Nipadua mu
Monnnom nsaden, te sε bobesa, mmoro da, εfiri sε εyε ahohwibra *. Mmom, momma Honhom no nhyε mo ma na εnni mo so, monhyehyε mo ho mo ho den wɔ sankuo nnwom ne asɔre nnwom * ne honhom mu nnwom mu, momfa ayeyie akoma nto dwom na mommɔ sankuo mma Awurade. Nokorε mu, momfa aseda mma Nyankopɔn Agya berεbiara ne biribiara mu, na monyε ne nyinaa wɔ Awurade Yesu Kristo din mu. Na mommrε mo ho ase na montwentwεn mma mo ho mo ho wɔ obuo ne anidie ma Kristo mu. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Eph. 5.18-21) Adesua no nkɔ awieeε no, wobεgye Nkuranhyε a Yεhwehwε atom berε a woregye adi sε: • Wɔayε Okristoni abrabɔ sε wo ne nnipakuo bεtena abom, anyini abom sε Nyankopɔn abusua, Kristo nipadua, ne Honhom Kronkron no asɔredan. • Yεsua Ahemman no ho nneεma, sɔre Nyankopɔn, na yεnyini sε Kristo akyidifoɔ berε a yεne agyidifoɔ afoforɔ di nkitaho wɔ asafo no mu ne akuo nketewa mu. • Sε yεdi Kristo akyi sε Awurade a, wɔhyε yεn den (hyε yεn nkuran) wɔ yεn gyidie mu berε a yεsua sεdeε yεbrε yεn ho ase ma yεn ho yεn ho wɔ anidie (obuo) mu ma Kristo. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa so (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. *ahohwibra – Ahohwibra yε anigyeε mmorosoɔ a yεde yεn ho hyε mu. Ɛnkyerε sε εwɔ sε yεtwe yεn ho firi biribiara a εma yεn anigyeε ho na mmom yεtwe yεn ho firi nkwaseadeε suban a εmfa anidie mma Nyankopɔn ho. Nyankopɔn ama yεn biribiara a yεn ani bεgye, nanso biribiara wɔ ne hyeε a εfata. Nhwεsoɔ, sε asutene bi retene wɔ ne nsunoa a, εwɔ ahoɔden daa, nanso sε εyiri fa kuro bi mu a, saa asutene no nya akwansideε. Saa ɔkwan no ara so, ahohwibra yε anigyeε a εfiri Nyankopɔn a yεmfa nyε adwuma wɔ ɔkwan pa so, berε a εtra n’ahyeε na εbεyε akwansideε ma onipa no ne wɔn a εka wɔn. *sankuo nnwom ne asɔre nnwom – Sankuo nnwom yε anwensεm sononko bi a εwɔ Twerε Kronkron mu a na wɔto wɔ nnipakuo mu, de kyerε ɔsɔreε ma Nyankopɔn. Sankuo nnwom ne honhom mu nnwom kyerε ɔdɔ ne ɔsɔreε a ne nyinaa firi Twerε Kronkron mu na Akristofoɔ na atwerε firi tete.
Botaeε
Nyansasrε Mpaebɔ
77
Made with FlippingBook Ebook Creator