Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
78 • Ko Gyidie Ko Pa no
Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me deε wo pε teε, na ma me nhumu wɔ sεdeε mεtumi de m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ yε adwuma. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me na menyε ntεm nte na mentie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akoma mu nkɔmmɔbɔ nsɔ w’ani. Ma me kwan na memfa nyansa nka wo nokorε sεdeε εbεyε a wɔn a mεkasa akyerε wɔn nyinaa bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn. Kyerε me wɔ saa ɔkwan yi so seesei berε megye w’Asεm ne nkyerεkyerε. Mesrε saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa, Yesu, din a ahoɔden wom no mu, Amen. 1. “Esiane adebɔne a mafa mu pεn nti, mentumi nkɔ asɔre biara.” Awerεhosεm ne sε, nnipa bebree akokɔ nsɔre ma wɔanya suahunu bɔne afiri afoforɔ hɔ wɔ mu. Sεdeε na ɔhaw no teε biara – amfamfiri, anwiinwii ne ahoɔyaa, ntawa-ntawa ne ankasa-ho pira – ama “εnyε akɔnnɔ” mma wɔn sε wɔbεkɔ asɔre foforɔ, na wɔahyε aseε foforɔ wɔ tebea foforɔ mu. Sε wogyina deε wonim seesei so a, afotuo bεn na wode bεma ogyidini foforɔ fa asafo a ɔbεkɔ akɔnyini wɔ Kristo mu, nkanka sε woahunu sε wɔahyia adebɔne bi a wɔafa mu wɔ asɔre foforɔ mu? 2. “Mentumi nnye nni sε Twerε Kronkron yε Ayεsεm ntoamu a εfa Nyankopɔn gyeε ma n’abɔdeε ne adasamma ho. Onipa, yεsom Nyankopɔn dɔfoɔ!” Ebia wonim sε wɔakyε Twerε Kronkron mu akɔ Apam mmienu (Hebrefoɔ Twerεnsεm, nwoma 39, Gyenesis kɔsi Malaki) ne KristosomApam Foforɔ (Mateo nam mu kɔ Adiyisεm, nwoma 27). Deε ebia wonnim ne sε εwom sε Twerε Kronkron yε nwoma korabea deε, nokorε mu εyε Ayεsεm baako pε a εreda adi, ɔyεkyerε kεseε baako a εka Nyankopɔn dɔ ma n’abɔdeε ne adasamma ho asεm. Ɛyε Nyankopɔn dɔ ne ahofama kεseε ma ne wiase nko ara so na wɔbεtumi agye yεn nkwa. Yei nti, Kristosom yε sononko firi εkame ayε sε nyamesom foforɔ biara ho. Nokorε mu, nyamesom twe adwene si nneyεε, gyidie, anaa nnyinasoɔ a εwɔ sε nnipa di soɔ sεdeε wɔbεnya mudie dibea, anya nhyira, asakyera, anaa anya banbɔ. Kristosom, ɔkwan foforɔ so, ne sε Nyankopɔn rema adasamma nkwagyeε berε mpo a wɔmfata, wɔammisa, na wɔntumi nnya. Wodwene sε εdeεn nti na εyε nnipa den sε wɔbεte Twerεnsεm nkrasεm tiawa yi ase? Ɛdeεn na εbεtumi asi wɔn kwan sε wɔte “Nyankopɔn adom,” n’adehye dɔ ne mmɔborɔhunu ma nnipa nyinaa, εmfa ho ne sεdeε wɔteε, deε wɔayε, ne baabi a wɔwɔ ase?
Nkitahodie
Made with FlippingBook Ebook Creator