Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 6 Nkuranhyε a Yεhwehwε • 79
3. “Ɛbεyε dεn na yεn sɔfo atumi adi nnipadɔm yi nyinaa anim? Merenhunu no da!” Nneεma a Nyankopɔn taa ka wɔ n’Asεm mu baako ne sε yεnyini berε a yεdi asɔfo ne akannifoɔ a nyamesuro wɔ wɔn mu a ɔde wɔn ama yεn nkyerεkyerε akyi. Mmom, wɔ nsɔre binom mu, ɔsɔfo no di agyidifoɔ bebree anim, ebia ɔha-mmɔho anaa mpempem. Berε a agyidifoɔ no dɔɔso wɔ asɔre no mu, na asɔfo no asεdeε dɔɔso no, bebree ka sε εrenyε yie, anaa εyε den sε ogyidini biara ne awarefoɔ ne abusua biara bεtumi ahunu ɔsɔfo no yie. “Sε worehunu wo sɔfo yie yε sεnkyerεnneε sε wɔrehwε wo so a, εnneε ebia mennya ɔsɔfo da,” ogyidini foforɔ baako asεm nono. “Ɛbεyε dεn na yεn sɔfo atumi adi saa nnipadɔm yi nyinaa anim. Menhunu no da!” Ɛdeεn na wobεka ahyε saa ogyidini kumaa yi nkuran wɔ ne nteaseε fa sεdeε εteε sε wohyε hwεsofoɔ ase– εbεyε dεn ayεyie wɔ nnε asɔre mu? Adesua a εtwaam (Deε Ɛkyεne soɔ a Yεkyerε) mu no wohunuu sε εwɔ sε yεgyina hɔ ma Kristo sε mma adɔfoɔ, tena sε Nyankopɔn ahotefoɔ ne Kristo ananmusifoɔ ma wiase a ahwe aseε. Seesei wobεhwehwε sεdeε Nyankopɔn pε sε yεnyini wɔ yεn gyidie mu wɔ asafo no mu, wɔ asɔfo akannifoɔ tumidie ase, na yεbrε yεn ho ase wɔ ɔdɔ mu ma yεn ho yεn ho na yεatumi ako gyidie ko pa no. Yesu pε sε ne nkorɔfoɔ nya nkabom ne ahofama ma wɔn ho wɔn ho berε a yεtena bom wɔ ɔman mu. Yεhyia mu nnawɔtwe biara som, na yεhyia bom wɔ Twerε Kronkron adesua mu anaa akuo nketewa mu hyε yεn ho yεn ho den. Ɛsε sε yεhunu agyidifoɔ afoforɔ, na yεma wɔn nso hunu yεn saa ara. Ɛsε sε yεsua sεdeε yεgye yεn ho yεn ho wɔ yεn afie mu, home na yεbom di agorɔ, na yεyε deε yεbεtumi biara hyε yεn ho yεn ho nkuran berε a yεdi Kristo akyi. Sε agyidifoɔ no, wɔafrε yεn nyinaa sε yεmmɔ Kristosom bra, mfa yεn akyεdeε, yεn dɔ, yεn ayɔnkofa, ne yεn nneyεε nhyehyε yεn ho yεn ho den. Afei nso, εsε sε yεde ahwεyie hyε yεn ho yεn ho ma ɔdɔ ne nnwuma pa, na yεgyae saa nneεma bɔne a na εka yεn ho ansa na yεnam Kristo mu gyidie so rebεyε Nyankopɔn nkorɔfoɔ no. Berε a wɔkɔso daa sɔ yεn hwε sε yεbεyε bɔne no, bea biara nni honhom abrabɔ anaa Kristosom man mu ma honam mu nneεma, nneεma a asomafoɔ no abobɔ din wɔ wɔn nkrataa kɔma Kristofoɔ mu – te sε adwamammɔ, efideεyε, akɔnnɔnhyεsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereε. Nokorε mu, εsε sε yεtwe yεn ho firi nneεma a εnhyε yεn nkuran ho (a εne, nneεma a εsεe yεn honhom mu nanteε), nneεma te sε abufuo, koko bɔne, nitan, dinsεeε, ne kasafi. Sεdeε yεsuaa wɔ yεn adesua a εtwaam no, nokorε mu yεabεyε Nyankopɔn ahotefoɔ, na wɔafrε yεn sε yεnyε ananmusifoɔ mma Kristo wɔ baabiara a yεkɔ. Afei, yεtena sεdeε yεbεhyε afoforɔ den, nyε sε yεsεe wɔn anaa twe wɔn adwene firi ɔdɔ a wɔwɔ ma Kristo so.
Emu nsεm
Made with FlippingBook Ebook Creator