Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
80 • Ko Gyidie Ko Pa no
Mmom, wɔafrε yεn sε yεnhyε yεn ho yεn ho den berε a yεbɔ mpaeε ma, yεfrε, na yεhyε yεn ho yεn ho nkuran wɔ asɔre no mu, yεredi yεn honhom mu akannifoɔ akyi berε a wɔnam wɔn nkyerεkyerε ne nhwεsoɔ so kyerε yεn kwan. Sε Nyankopɔn nkorɔfoɔ a wayi wɔn no, yεpere sε yεbεdɔ yεn ho yεn ho, na yεahwehwε akwan foforɔ a yεde bεtena na yεadwene, asua sεdeε yεde ahummɔborɔ, ayamyε, ahobrεaseε, ɔdwoɔ, ne aboterε tena. Deε εkyεne soɔ koraa, εsε sε yεn dɔ ma afoforɔ kyerε wɔ yεne yεn ho yεn ho abusuabɔ mu. Sε yεyε saa a, yεbεsɔ Kristo ani wɔ deε yεyε nyinaa mu. Nkuranhyε a Yεhwehwε Adesua 6 Twerε Kronkron Adesua Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka emu biara nyamesεm nkyerεkyerε ho no tiawa. 1. Nyankopɔn Ayεsεm no ka Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron no adwuma ho, sεdeε wɔaka wɔ Twerε Kronkron, Twerεnsεm Kronkron mu no. Sε agyidifoɔ wɔ Kristo mu no, yεn ne saa Ayεsεm no nkorɔfoɔ – yεdwene ho wɔ yεn “nyamesεm ho nimdeε” mu, to dwom na yεka ho nsεmpa wɔ yεn som mu, εresiesie yεn wɔ yεn akyiridie mu, na yεka ho asεm kyerε afoforɔ wɔ yεn adansedie mu. Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi, hwε Mmataho “Nyankopɔn Ayεsεm: Yεn Kronkronyε Nhini”. Na bua nsεmmisa a εka asuasεm a εwɔ aseε no mu biara ho. Yεn Fapem Botaeε: Nyankopɔn Dɔ Pumpuni no a. Yohane 3.15-18. Dwuma bεn na Agya no diiε wɔ abɔdeε nkwagyeε ne ohwim Ayεsεm no mu? b. 2 Kor. 5.18-21. Dwuma bεn na Yesu diiε wɔ yεn nkwagyeε Ayεsεm no mu? c. Efe. 1.13-14. Dwuma bεn na Honhom no di de boa yεn ma yεde Nyankopɔn Ayεsεm no yε adwuma? d. 2 Timoteo 3.15-17. Sεn na Twerεnsεm no boa yεn ma yεte Nyankopɔn Ayεsεm no ase?
Made with FlippingBook Ebook Creator