Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 6 Nkuranhyε a Yεhwehwε • 83

7. Sε Nyankopɔn Ayεsεm no nkorɔfoɔ no, εwɔ sε agyidifoɔ yε ahwεyie wɔ asetena mu, di Honhom Kronkron no akyi, na wɔhyε wɔn ho wɔn ho den wɔ ɔsom ne aseda a wɔnam Kristo so de ma Nyankopɔn mu. Kenkan Efesofoɔ 5.15-21 na fa ahyεdeε no ma ne nkyerεkyerεmu.

a. Monhwε mo nanteε yie ___ Mma Awurade wɔ mo akoma mu

b. Nkasa kyerεkyerε mo ho ___ Ma Nyankopɔn Agya wɔ Kristo din mu

c. Dwontoɔ ne sankuo bɔ

___ Ɛnyε sε wɔn a wɔnnim nyansa na mmom sε anyansafoɔ ___ Wɔ sankuo nnwom, ne ayεyie nnwom, ne honhom mu nnwom mu

d. Monna ase berεbiara

e. Monnyε nnipa a wɔnni

___ Na mmom monhunu sεdeε Awurade

adwene

pε teε

8. Nyankopɔn ama nokorε akannifoɔ sε wɔnhwε agyidifoɔ a wɔwɔ asɔre no mu kra so, wɔn a wɔahyε wɔn sε wɔnkyerεkyerε yεn na wɔnni yεn kan nkɔ Ayεsεm no bunu mu ne agyidifoɔ afoforɔ fekubɔ mu. Fa Twerεnsεm a εdidi soɔ yi ma mmuaeε a εsε. a. Hebrifoɔ 13.7 ___ Monyε setie mma mo akannifoɔ na mommrε mo ho ase mma wɔn wɔ obuo mu b. Hebrifoɔ 13.17 ___ Monhwε mo akannifoɔ abrabɔ awieeε, na monsua wɔn c. 1 Tesa. 5.12-13 ___ Mommu na momfa anidie mma mo akannifoɔ, wɔn a wɔtu mo fo wɔ Nyankopɔn mu 9. Ɔtamfo no di atorɔ fa yεn namyε wɔ Kristo mu ho, susu sε Nyankopɔn de biribi resie yεn. Nanso Nyankopɔn Asεm di adanseε sε yεwɔ biribiara a yεhia ma abrabɔ ne nyamesom. a. Kenkan Gyenesis 3.1-7. Atorɔsεm bεn na ɔwɔ no ka kyerεε Hawa a εmaa no gye dii sε Nyankopɔn de biribi resie no? b. Kenkan 2 Petro 1.3. Fa nsεm hyehyε baabia wɔagyigya ato hɔ no: Ɛnam ne ______________________________ wama yεn __________________ a yεhia ma ______________________.

Made with FlippingBook Ebook Creator