Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

84 • Ko Gyidie Ko Pa no

Ɛho hia yie ma yεn sε yεde yεn ho bɔ afoforɔ a wɔnante ɔkwan pa no so – εnyε wɔn a wɔwɔ baabi a yεwɔ wɔ akwantuo no mu nko ara, na wɔn a wɔakɔ akyirikyiri nso. Wɔn a wɔabεn Nyankopɔn wɔ ahoɔden sε wɔde yεn bεbεn no, εfiri sε ɔkwan bi so wɔde yεn ka wɔn ho. ~ Teresa of Avila. Richard J. Foster ne James Bryan Smith, Eds. Devotional Classics: Revised Edition: Akenkan a Wɔayiyi ama Ankorankoro ne Akuo. Renovare, Inc. (HarperCollins Publishers), New York. 1993, p. 165. Nyankopɔn pε sε ogyidini wɔ Kristo mu biara hyε den (nya nkuranhyε), wie nyini wɔ Kristo mu, na ɔte sεdeε wɔhyε afoforɔ den ase. Yesu pε sε yefa yεn ho a yεde hyε yεn asafo, agyidifoɔ nhyiamu adwumayε mu so nyini. Wɔahyε yεn sε yεnsua yεn nokorε asɔfo nhwεsoɔ ne nkyerεkyerε, na yεne Akristofoɔ afoforɔ ntena mmom wɔ ɔdɔ ahobrεaseε ma yεn ho yεn ho mu sεdeε yεbεtumi ako gyidie ko pa no. Ɔkwan baako pε so a Nyankopɔn ma saa nyini yi yε ne Kristosom man, adɔfoɔ – asafo. Afei yεyε yεn fa mu deε wɔ Nyankopɔn Ayεsεm no mu! Wɔama yεn mu biara honhom mu akyεdeε a εwɔ sε yεnya wɔ yεn som ma Nipadua no mu, hyε yεn ho yεn ho den berε a yεhyia nnawɔtwe biara sε Kristo abusuakuo a wɔsom, berε a yεhyia bom wɔ Twerε Kronkron adesua anaa akuo nketewa mu. Nyankopɔn pε sε yεdodɔ yεn ho sεdeε Kristo dɔɔ yεn no. Yei yε adeε a yεsua ne yε bom, sεdeε Honhom no ne nnwanhwεfoɔ (asɔfo) a Nyankopɔn de wɔn ma sε wɔnni yεn kan na wɔnhwε yεn no bεkyerε yεn. Ɛsε sε yεpere sε yεne agyidifoɔ afoforɔ bεyε ayɔnkofoɔ, gye wɔn ba yεn abrabɔ ne yεn afie mu, na yεgye brε dwodwo yεn ho na yεdi agorɔ bom. Yεyε abusua, na εsε sε yεsua sεdeε yεdi nkitaho bom sε mma. Bio, wɔafrε yεn nso sε yεnhyε yεn ho yεn ho mma ɔdɔ ne nnwuma pa, na yεmpo saa nneεma bɔne no a na εka yεn ho ansa na yεnam Kristo mu gyidie so rebεyε Nyankopɔn nkorɔfoɔ no. Yεko gyidie ko pa no berε a yεne Kristo asraafoɔ afoforɔ bom ko, wɔ Kristo asafo a εte apɔ mu, wɔ nokorε akannifoɔ a wɔnam wɔn nhwεsoɔ ne Nyankopɔn Asεm so tu yεn fo na wɔhyε yεn nkuran akwankyerε so. Nsεm nkekaho a εwɔ sε wosua na wosusu ho a εfa saa adesua yi ho na εdidi soɔ yi: Yεn Ahotosoɔ Dawurobɔ: Kristo mu Fahodie (Mma. 9) Fata sε Ɛgyina hɔ ma: Nyankopɔn Ahemman no Asuafoɔ Mmɔho (Mma. 20) Oikos Fa (Mma. 10)

Muabɔ

Mmataho

Made with FlippingBook Ebook Creator