Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 6 Nkuranhyε a Yεhwehwε • 85
Yei ne m’ahyεdeε: Monnodɔ mo ho sεdeε medɔɔ mo no (Yohane 13.34)
Nnyinasosεm a Ɛhia Nsεm mu Nhwehwεmu
Kenkan na susu nsεm ne adwene a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuansεm a wosuaa no soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie ho. 1. “Honhom mu akyεdeε bεn na mewɔ, na ɔkwan bεn so na mεtumi de ayε adwuma?” Twerε Kronkro ka sε wɔama Okristoni biara honhom akyεdeε a εma no kwan ma ɔhyε (ɔyε) afoforɔ den wɔ Kristo asafo no mu (Rom. 12.3-8; 1 Kor. 12.4-11; Efe. 4.9-15; 1 Pet. 4.10-11). Ɛwɔ sε wɔde saa akyεdeε yi yε adwuma wɔ agyidifoɔ mu, berε a wɔdi nkitaho, tena bom, som, na wɔnyini bom wɔ ɔsɔfo bi ase. Adεn nti na εhia yie sε berεbiara yεne afoforɔ som na yεhwε afoforɔ kyεne sε yεbεgye akyinnyeε wɔ nneεma a εho nhia fa sεdeε yεn akyεdeε titire bi teε ho? 2. “Adεn nti na εwɔ sε medɔm asɔre bi berε a εyε ma me sε mekɔsom kεkε nnawɔtwe biara?” Wɔ nkɔmmɔdie mu fa deε εwɔ sε asafo no yε wɔ Akristofoɔ afoforɔ akyiridie ne denyε (denhyε) ho no, ogyidini foforɔ baako hyεε aseε kaa ɔno ara suahunu wɔ asɔre a yεde yεn ho hyε mu ho. “Medɔ sε mekɔ asɔre a merekɔ seesei. Medɔ ɔsɔreε no ne ɔsɔfo no nkyerεkyerε, na wɔn som yε tiawa na εyε dε. Nokorε mu, mennwenee ho ankasa sε mεdɔm asɔre no, mekyerε, sε asɔreba. Menim afoforɔ a wɔn nso kɔ Kwasiada som no, na wɔnkɔ akuo nkumaa, anaa dwumadie afoforɔ. Mepε yei. Adεn nti na εwɔ sε medɔm asɔre bi berε a εyε ma me sε mekɔ hɔ nnawɔtwe biara?” Woregyina deε woasua wɔ saa adesua yi mu so a, εdeεn na wobεka akyerε saa onuabaa wɔ Awurade mu yi fa hia a εhia sε ɔde ne ho hyε asɔre bi mu yie kyεne ne Kwasiada anɔpa ɔsɔreε som nko ara? 3. “Ɛnyε mmerε sε wobεnya nnamfoɔ wɔ Akristofoɔ mu.” Nneεma a εyε akwansideε a nnipa bebree ahyia wɔ asɔrekɔ mu baako ne adamfofa a εnni hɔ. Nokorε mu εyε nwanwa sεdeε nnipaa bebree bɔ mmɔden wɔ wɔn asafo mu nanso wɔnni adamfo pa baako mpo wɔ asɔremma no mu. Sε yεreka a, adamfofa hia nanso ne boɔ yε den. Sε wobεfa adamfoɔ a, εsε sε wone nnipa di nkitaho wɔ ɔdɔ mu (Mmε. 17.17), yε krado sε wɔbεhu na wɔate wo aseε (Yohane 15.13-14), na wogye adwenkyerε, mpo kasatia, wɔ nneεma a, ebia wobεhia ntenesoɔ ho (Mmε. 27.6). Nnamfoɔ ma ɔdɔ ne tema ne afotuo a yεhia sεdeε yεbεnyini wɔ Kristo mu (Mmε. 27.9). Honhom mu akyεdeε a yεde yε adwuma mema yεn ho bεtumi ayε te sε worese kutaeε ano wɔ sekamma so: Sεdeε dadeε baako se dadeε foforɔ ano no, saa ara na onipa baako tumi se ɔfoforɔ (Mmε. 27.17). Wɔde saa nokorε yi ama yi, sε wone afoforɔ rekɔdi nkitaho a nteaseε wɔ mu na εmu yε den a, εdeεn na εhia pa ara sε woyε?
Made with FlippingBook Ebook Creator