Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
92 • Ko Gyidie Ko Pa no
Ɔtamfo a Yεne No Ko Adesua 7 Twerε Kronkron Adesua Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yi na bua nsεmmisa a εka twerεsεm nkyerεkyerε biara ho no tiawa 1. Ɔbonsam asɔre atia Nyankopɔn pε ne Ahemman firi mfitiaseε, na Nyankopɔn asi gyinaeε sε ɔnam Agyenkwa bi a ɔbεba so bεbrε saa atuateε yi ase. Fa Twerεnsεm a εdidi soɔ yi ma ne kasasin a εyε papa:
a. Gye. 3.1-5
___ Wiase nyinaa hyε ɔbonsam tumi ase
b. Yes. 14.12-17 ___ Wɔbɔɔ ɔbonsam wɔ pεyε mu, nanso ɔtee atua tiaa Nyankopɔn c. Hese. 28.12-17 ___ Ɔbonsam yεε adwene sε ɔbεyε ne ho te sε deε Nyankopɔn teε
d. 1 Yohane 3.8-10 ___ Yesu baa asase so bεsεee ɔbonsam nnwuma
e. Adi. 12.7-11
___ Wɔfrε no Satan, wiase nyinaa daadaafoɔ no
f. 1 Yohane 5.19 ___ Ɔbonsam dii atorɔ kyerεε nnipa nta a wɔdi kan, de Ahweaseε baeε
g. 2 Kor. 2.11
___ Ɔbonsam fa nyansa kwan a εnyε den so enti yεbεtumi ahunu ne nnεεdεε
2. Yesu baa sε ɔrebεdi ɔbonsam so nkonim, aka no agu, na wasεe ne nnwuma – de agye adasamma afiri nnome a εnam n’asoɔden ma Nyankopɔn so baa ne so. Kenkan Luka 11.14-23 na bua nsεmmis a εdidi soɔ yi: a. Berε a Yesu tutuu ahonhommɔne no, εdeεn kwaadu na nnipa de bɔɔ Yesu sε ɔreyε? b. Sεn na Yesu buaa kwaadu a wɔde bɔɔ no sε ɔnam ahonhommɔne panin tumi so na ɔtutu ahonhommɔne no? c. Yesu maa mfatoho bi fa sεdeε εhia sε wɔdi “ɔhoɔdenfoɔ” no so nkonim na wɔatumi afa ne nneεma. Kyerεkyerε saa asεm yi asekyerε mu.
Made with FlippingBook Ebook Creator