Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 7 Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko • 91

Adesua a εtwaam (Nkuranhyε a Yεhwehwε) mu no, wohunuu sε εwɔ sε yεdodɔ yεn ho na yεbrε yεn ho ase mema yεn ho wɔ asafo no mu. Afei wobεhunu bebree afa ɔtamfo a yεhyia no wɔ gyidie ko pa no mu ho. Ɛnam Satan nti wiase wɔ ɔko mu, na yεyε akofoɔ wɔ saa ɔko yi mu. Damusaa ntumi nyε yie. Yεn tamfo bonsam di ahonhom bebree a wɔyε animdefoɔ na wɔn ho yε hu anim. Wɔde bɔne a εwɔ wiase ne yεn ara honam mu akɔnnɔ tia Nyankopɔn adwuma, enti εsε sε yεwεn tia wɔn nnεεdεε. Ɛsε sε yεhunu nso sε onipa biara nyε yεn tamfo. Yεkɔ so fa honhom mu nneεma a εyε hu mu deε, nanso Nyankopɔn ka yεn ho na ɔboa yεn ko gyidie ko pa no, εmfa ho ne ɔtamfo no mmɔdemmɔ. Yesu adi nkonim no wɔ ɔbonsam so ama Akristofoɔ nyinaa deε, nso εsε sε yεkɔ so fa suban bi sε yεne ɔtamfo no bεko, na yεadi yεn ho so na yεawεn. Ɛsε sε yεma yεn ani da hɔ na yεwεn, εfiri sε yεn tamfo no (ɔbonsam) hwehwε akwanya berεbiara sε ɔbεpira yεn, atoa yεn, na wasεe yεn. Ɔnam atorɔ ne kwaadubɔ so hwehwε sε ɔbεtete, abu abam, na wamene agyidifoɔ, sεdeε ɔbεdi yεn so nkonim wɔ honhom mu berε a yεdi Kristo akyi. Enti, εsε sε yεhunu sεdeε yεbεsi ɔbonsam kwan, ne no adi asie yie. Ɛsε sε yεbɔ yεn ho ban tia ne ntoa, ka nokorε kyerε yεn ho, hwε sε yεde yεn ho nyinaa ato Kristo so. Ɛsε sε yεnante wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, na yεgyina pintinn wɔ yεn gyidie mu nokorε so. Kae nso, sε yεnyε ankonam wɔ saa ɔko yi mu da; Akristofoɔ afoforɔ a wɔapete wiase baabiara nso rehunu amane wɔ wɔn ara honhom mu ɔko mu. Yεbεtumi anya awerεhyem sε ɔko no yε den, εtoɔ ntwa, na εyε da biara deε, nanso awieeε no, Nyankopɔn adom de nkonimdie bεba. Yεn amanehunu no bεkyεre kakraa bi, na animuonyam a yεbεnya no Kristo mu no bεyε daapem. Nyankopɔn no ara bεsiesie yεn, ayε yεn den, aboa yεn ma yεagyina pintinn, na wama yεn ase atim, kɔsi sε ɔko no bεba awieeε! Me ne wo nyinaa afiri esum ahemman no mu aba Nyankopɔn dɔ Ba no ahemman mu deε, nanso amammerε na Nyankopɔn tamfo kεseε, Satan di soɔ da so atwa yεn ho ahyia. Ɛsε sε yεtena mu firi berε a yεfaa Kristo sε yεn Agyenkwa no de kɔsi atemmuda. Yεn nso, deε na ɔyε yεn hene nanso seesei ɔyε yεn tamfo no atwa yε ho ahyia. Ɛyε gyimie kann sε Okristoni bi nhwehwε honhom mu ɔko biara berε a ɔte ɔtamfo no asase so. ~ Francis Schaeffer. Francis Schaeffer Nnwuma a Ɛdi mu

Emu nsεm

Ɔfa 2: Yosua ne Nyamesεm mu Abakɔsεm Tene. Westchester, IL: Crossway Books, 1975, page 210.

Made with FlippingBook Ebook Creator