Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
90 • Ko Gyidie Ko Pa no
Kyerε me wɔ saa ɔkwan yi so seesei berε megye w’Asεm ne nkyerεkyerε. Mesrε saa nneεma yi wɔ m’Awurade ne Agyenkwa, Yesu, din a ahoɔden wom no mu, Amen.
1. “Saa nkorɔfoɔ no nka Nyankopɔn ho – εnyε saa nkorɔfoɔ no na wɔyε Awurade atamfo no?” Wiase a nyamesom mu ɔko ne basabasayε wɔ baabiara no, εnyε den sε wobεdwene, sε wohwε no kane a, sε yεne nnipa na εreko. Wiase baabiara, nnipa a wɔse wɔnim Nyankopɔn rekunkum afoforɔ a wɔsusu sε wɔyε abusufoɔ, anaa bɔne. Ɛyε nokorε, nnipa reyε nneεma bɔne tia wɔn ho wɔn ho wɔ wiase nyinaa, firi nkwaseadeε basabasayε kɔsi atirimuɔden a εnni mu. Nanso, Twerε Kronkron kyerε sε, εnyε yεne honam ne mogya (nnipa) na εreko na mmom honhom mu atumfoɔ a wɔnam nnipa so yε nneεma a εnyε wɔ Nyankopɔn abɔdeε mu. Adεn nti na εwɔ sε saa nokwasεm yi ho hia ma Okristoni a ɔyε foforɔ anaa ɔrenyini sε ɔbεte aseε na ɔde ayε adwuma? 2. “Ɔbonsam kokoam akodeε a εso nkata.” Twerε Kronkron ma εyε pefee sε ɔbonsam akodie nte sε deε Amerika siniyifoɔ taa kyerε wɔ sini a εyε hu mu no – atirimuɔdenneε ahoni huuhuu a εtaa nnipa papafoɔ a wɔyε mmerε so wɔ esum borɔno so ne nsamanfoɔ afie mu. Ɔbonsam akodeε titire pa ara ne atorɔ; akyinnyeε a wɔapopa ho ma ayε te sε deε εmpira, εyε nokorε, mpo emu wɔ awerεhyem. Saa atorɔ yi susu sε Nyankopɔn nni hɔ, sε honhom mu nneεma yε bɔsrεmka, na abɔdeεmunyansapε nko ara bεtumi agye adasamma nkwa afiri ne haw mu. Ɛkɔwie sε yεn tamfoɔ no kokoam akodeε no so nkata koraa. Ne tiawa mu ne sε, ɔbonsam yε ɔtorofoɔ ne atorɔ agya. Wodwene sε deεn nti na ɔbɔnefoɔ no afa atorɔ ne nnaada sε n’akodeε titire wɔ yεn man, a ani gye abɔdeεmunyansapε adanseε ne mfididwuma nhunumu ho mu? 3. “Wowɔ nkonimdie no, nanso wohia sε woko gye.” Adeε baako a asomafoɔ no sii so dua wɔ wɔn nkyerεkyerε mu ne sε, εhia sε yεyε yεn fa mu deε wɔ Nyankopɔn Ayεsεm no mu. Ne tiawa mu no, Nyankopɔn redi yεn tamfo, ɔbonsam so nkonim deε, nanso εsε, na wɔbεtumi asi no kwan. Yesu dii nkonim wɔ Asεnnua no so maa yεn deε, nanso nkonimdie no ara mma. Nyankopɔn nam Yesu Kristo mogya a ɔhwie guiε no so agye yεn deε, nanso εwɔ sε seesei yεde saa nkonimdie no yε adwuma berε a yεfoa nokorε so na yεpo atorɔ. Sε yεyε saa a, wɔbεsesa na wɔasakyera yεn wɔ yεn nneyεε, nkitahodie ne suban mu. Saa nkonimdie yi yε yεn dea, nanso εsε sε yεko gye, bɔ ho ban, na yεde yε adwuma berε biara, da biara. Nyankopɔn hyε agyidifoɔ sε wɔmmrε wɔn ho ase mma no, sε wɔnsi ɔbonsam kwan, na εno nko ara na εbεma ɔtamfo no bεdwane afiri yεn nkyεn. Wogye di sε εdeεn nti na Nyankopɔn bεpε sε yεnya yεn nkonimdie berε a yεne ɔtamfo no adi asie na yεasi no kwan sε ɔbεpira, ɔbεdaadaa, na wadi yεn so nkonim akyi?
Nkitahodie
Made with FlippingBook Ebook Creator