Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 7 Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko Yεrenante Nkonimdie mu Atia Nyankopɔn Tamfo
Nokorε ne sε εnyε nnipa afoforɔ, honam ne mogya na yεne wɔ di aperepereε wɔ ɔko mu. Mmom, yεko tia atumfoɔ, tumidie, ewiem tumi a εdi εnnε sum wiase yi so, na yεko ahoɔden so tia ahonhommɔne a wɔwɔ ɔsoro mmea mmea. ~ Paulo de ma Efesofoɔ (Efe. 6.12) Adesua no nkɔ awieeε no, wobεgye atom sε Ɔtamfo a Yεne No Ko no wɔ hɔ ankasa berε a woregye adi sε: • Ewiase yε honhom mu ɔko, ɔbonsam ne esum ahemman εne Awurade Yesu Kristo ne Hann ahemman: εnyε yεne honam ne mogya na εko.” • Kristo adi nkonim no wɔ yεn tamfo so, ɔbonsam a ɔkɔ so nam nnaadaa so yε adwuma wɔ wiase a ahwe ase yi nhyehyεeε ne yεn bɔne su dada, a εyε, “honam akɔnnɔ” no. • Sε yεhunu Yesu nkonimdie wɔ bɔne so wɔ Asεnnua no so, ma yεn ani da hɔ wɔ ɔbonsam nnaadaa ho, na yεbata Nyankopɔn bɔhyε no sεdeε yεbεgyina yεn nan so atia yεn tamfo no a, yεbεtumi adi yεn tamfo no so nkonim. Onniawieeε Nyankopɔ, m’Agya, woka no wɔ w’Asεm mu sε wone nimdeε ne nyansa nyinaa ti. Megye yei tom sε εyε nokorε, Agya dɔfoɔ, na mesrε sε ma me ɔsoro nyansa, na matumi akyε Nokwasεm no pεpεεpε (2 Timoteo 2.15). Mesrε sε kyerεkyerε me ɔkwan a memfa so (Nnwom 32.8), na tutu m’anammɔn ma me. Ma m’aso nte wo nne, na tenetene me seesei wɔ sεdeε medwene na mekasa mu, na kyerε me kwan berε a mayera. Agya, ma me nhunumu akyεdeε, na sε mesua a ma menhunu nsonoeε a εwɔ nokorε ne atorɔ nkyerεkyerε, ahonhom, ne akyεdeε mu. Fa Honhom Kronkron no so kyerε me sεdeε wo pε teε, na ma menhumu sεdeε mede m’akoma nyinaa de wo tirimpɔ bεyε adwuma. Awurade dɔfoɔ, mesrε sε boa me na menyε ntεm nte na mentie, nyε nyaa nkasa, na menyε nyaa mfa abufuo (Yakobo 1.19). Ma m’anom nsεm ne m’akoma mu nkɔmmɔbɔ nsɔ w’ani. Ma me kwan na memfa nyansa nka wo nokorε sεdeε εbεyε a wɔn a mεkasa akyerε wɔn nyinaa bεtumi ate aseε na wo nokorε no ho aba mfasoɔ ama wɔn.
Botaeε
Nyansasrε Mpaebɔ
89
Made with FlippingBook Ebook Creator