Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
88 • Ko Gyidie Ko Pa no
Yεwɔ ɔfa a yεayi asi hɔ ama atwerε ne mfoniyε afidie aboadeε wɔ www.tumi.org/sacredroots . Don L. Davis. Kronkronyε Nhini: Nwoma a εdi Kan a εfa Resan Agye Amammerε Kεseε no ho . Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2010. Adesua a εdi soɔ mu no, wobεhwehwε Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko a saa atifinsεm yi ka ho: 1. Ɛnyε yεne honam ne mogya na anya. 2. Yεn tamfo bonsam nam wiase a ahwe aseε ne honam akɔnnɔ so na εyε adwuma. 3. Yεn tamfo no di n’akyidifoɔ anim sε wɔbεfa nhyehyεeε a εnyε den so abu yεn aba mu na atwe yεn adwene afiri so. 1. Hwehwε Akristofoɔ a wɔawie nyini mmienu na bisa ma wɔne wo nkyε wɔn suahunu fa sεdeε wɔnam afoforɔ afotuo so wɔ asɔre no mu nya akwankyerε firi Nyankopɔn hɔ. Bisa wɔn mfomsoɔ a wɔayε sε wɔannye afotuo amfiri agyidifoɔ afoforɔ hɔ. 2. Sε wonnii kan nyεeε a, si gyinaeε wɔ bosome a εdi soɔ no mu sε wobεhyε aseε ataa akɔ asɔre baako pε, baabi a wobεtumi ahyε aseε asom na woadwene ho sε Nyankopɔn pε sε wobεyε asɔreba a. Kae sε, wɔrentumi nhyε wo nkuran (anaa wonhyε afoforɔ nkuran) berε a wonni asafo biara mu, nhyε asɔfo akwankyerε kronkron tumi ase. 3. Hyε aseε yε mmoano ma mmea a wohia akwankyerε. Bɔ mpaeε da biara nnawɔtwe, sε Nyankopɔn bεboa wo wɔ saa mmea yi, berε a wonam n’Asεm ne afoforɔ so kasa. 4. Hwehwε agyidifoɔ a wɔawie nyini mmienu na wo ne wɔn nkyε wo mmoano no na gye wɔn afotuo. Yohane 13.15
Ma Adesua Bebree
Ma Adesua a Ɛdi soɔ
Twerεsεm Nwegutirim Dwumadie
Made with FlippingBook Ebook Creator