Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 6 Nkuranhyε a Yεhwehwε • 87
Na Francis a ɔfiri Assisi (1181 – 1226) yε Italini ɔkannifoɔ ne ɔsεnkafoɔ. Ɔboaboaa nnipakuo bi ano a wɔtuu wɔn ho sii hɔ maa asεnka ne ohia abrabɔ sεdeε wɔbεsom Kristo ne afoforɔ, a wɔfrε no Franciscan Order. Ɔboa yεε nhyehyεeε afoforɔ wɔ n’abrabɔ mu nyinaa. Ɔyε Akristofoɔ a wɔbu wɔn yie wɔ abakɔsεm mu no mu baako.
Mpaebɔ
Atuhoakyε Mpaebɔ, Francis a ɔfiri Assisi Awurade, yε me w’asomdwoeε adwinnadeε. Baabi a nitan wɔ no, ma mennua ɔdɔ, Baabi a pira wɔ no, fa firi
Baabi a annye-annie wɔ no, gyidie, Baabi a abamubuo wɔ no, anidasoɔ, Baabi a esum wɔ no, hann, Baabi a awerεhoɔ wɔ no, anigyeε. O Owura Kronkron, ma me sεdeε menhwehwε pii sε wɔbεkyekye me werε na sεdeε mεkyekye werε, nyε sε wɔbεte me aseε pii na sεdeε mεte aseε, nyε sε wɔbεdɔ me pii na sεdeε mεdɔ; εfiri sε ɔma mu na yεnya, εyε yεderefiri mu na wɔde firi yεn, εyε yεrewuo mu na yεsɔre kɔ nkwa a εnni awieeε mu. ~ Don L. Davis. A Sojourner’s Quest . Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2010, pp. 95. Onniawieeε Nyankopɔn, m’Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya, meda wo ase sε wode me asi Kristo nipadua mu. Meda wo ase sε me ara memmɔ me Kristosom bra, berε a, afoforɔ a wɔn nso dɔ wo, na wɔhwehwε sε wɔbεsɔ w’ani mmoa nka ho. Meda wo ase wɔ sεdeε wohyε wo nkorɔfoɔ den wɔ asafo no mu, na woama yεn akannifoɔ ne asɔfo a wɔn nkyerεkyerε ne nhwεsoɔ boa yεn ma yεhunu na yεyε wo pε. Ma me adom sεdeε mεnya aboterε ama afoforɔ, asua afiri wɔn nkyεn, na matie wɔn kasatia ne afotuo. Boa me ma menni akɔnnɔ biara a εbεma matwe me ho afiri wɔn ho, asie anaa me ne wɔn ntam ate so. Sε mεyε deε wopε sε meyε a, mehia wɔn, enti ma me akokoɔduro na me ne afoforɔ mmia yεn ani, na berεbiara me ne wɔn mmoaboa ano, a mempo anaa menni wɔn hwammɔ da. Fa m’akannifoɔ so kyerεkyerε me, na fa ayɔnkofoɔ agyidifoɔ so hyε me nkuran na kanyan me. Saa yε mu, menim sε mεwie nyini wɔ wo Ba no mu. Agya, meda wo ase, ma wo nkorɔfoɔ akyεdeε. Wɔ Yesu din mu na mebɔ mpaeε, amen.
Akoma mu Sufrε kyerε Awurade
Made with FlippingBook Ebook Creator