Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
94 • Ko Gyidie Ko Pa no
5. Ɛnsε sε yεdɔ wiase anaa nneεma a εwɔ wiase; sε yεyε saa a na yεapo Agya no dɔ a ɔwɔ ma yεn no. Kenkan 1 Yohane 2.15-17 na bua nsεmmisa a εdidi soɔ yi. a. Nokorε anaa Atorɔ. Sε obi dɔ wiase yi a, na Agya no dɔ te saa onipa no mu na εdi ne so. b. Nneεma mmiεnsa bεn na εfiri wiase ba na εmfiri Agya no hɔ? i. Ɔpε a _________________________________ ii. _________________________ aniwa mu iii. _________________________ wɔ ahonyadeε mu c. Ɛdeεn na Yohane ka fa wiase tebea ho? Ɛdeεn na ɔka fa onipa a ɔyε Nyankopɔn pε ho? 6. Honhom Kronkron a εwɔ yεn mu no bεma yεn tumi na yεatena ase ama Nyankopɔn, na yεakwati yεn su dada no asiane ne wiase nsɔhwε. Ɔma yεtumi tena nkonimdie mu wɔ Kristo mu. Kenkan Romafoɔ 8.1-17. Fa nsεm hyehyε baabi a wɔagyigya no: a. Afɔbuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔyε ____________________________ (nky.1). b. Wonni ___________________________________________ na mmom wowɔ ________________________________ (nky. 9). c. Yεyε akafoɔ, mma honam no, ma _____________________________ _______________________________________________ (nky. 12). d. Moannya honhom a εyε _______________________________ na mmom abayε honhom sεdeε ________________________ (nky. 15) 7. Ɛnyε asεm biara a yεte fa Yesu anaa n’adwuma ho na εyε nokorε. Enti, εsε sε yεsɔ ahonhom hwε, εfiri sε Nea ɔte yεn mu no so. Kenkan 1 Yohane 4.1-6. a. Sεn na mobεsɔ ahonhom no ahwε, εne sε, wobεyε dεn ahunu Nyankopɔn Honhom no? (nky. 1-3) b. Honhom Kronkron no (Nea ɔte mo mu no) so kyεne nea ɔwɔ _______ ______________________________________ (nky. 4).
Made with FlippingBook Ebook Creator