Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 7 Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko • 95
8. Sε afoforɔ ante yεn aseε, po yεn, anaa tane yεn εnam gyidie no nti a, εnsε sε εyε yεn nwanwa anaa εbunkam yεn so. Yεdi Kristo anammɔn akyi, deε ɔfaa nneεma korɔ no ara mu no. Kenkan Twerεnsεm a εdidi soɔ yin a bua nsεmmisa no.
a. Kenkan Yohane 15.18-21. Adεn nti na wiase tane wo?
b. Kenkan 1 Yohane 3.11-15. Adεn nti na sε wiase tane yεn a εnni sε εyε yεn nwanwa? c. Kenkan Yakobo 4.1-7. Ɛdeεn na εsε sε yεyε de hwε sε ɔbonsam (deε ɔdi wiase so no) bεdwane afiri yεn nkyεn? Twerε Kronkron kyerε sε, ɔbonsm ne nnipa nta a wɔdi kan sɔre tiaa Nyankopɔn mmara ne ahennie, na wɔn atuateε no de wiase kɔ ɔko mu. Ɛfiri berε a adasamma hwee ase wɔ Eden Turo mu no, Nyankopɔn asi gyinaeε sε ɔbεdi ɔbonsam ne atuatefoɔ a wɔwɔ n’abɔdeε mu nyinaa so nkonim berε a ɔsoma ne Ba kɔ saa abɔdeε korɔ no ara mu. Yesu wuraa yεn wiase mu – sε ɔbεbrε ɔbonsam ase, atua yεn bɔne ho aka, na ɔde Nyankopɔn Ahemman no mayε asane aba. Aseda nka Nyankopɔn, εnam Nasaretni Yesu adwuma wɔ asase yi so nti, wɔadi ɔbonsam so nkonim, na Nyankopɔn Ahemman no aba, na wɔde ma wɔn a wɔgye di nyinaa. Seesei a yεagye Kristo adi yi, wɔagye yεn afiri sum ahemman mu de yεn aba ne Dɔba Ahemman mu (Kol. 1.13). Seesei yεabεka ɔko no ho; yεyε akofoɔ wɔ saa ɔko yi mu. Wɔafrε yεn sε yεnnyina yεn Awurade, ɔbonsam tumi a apira Nyankopɔn abɔdeε so Nkonimdifoɔ no, ananmu. Saa ɔko yi mu no, obiara ntumi nyε damusaa. Yεn tamfo, ɔbonsam di anim na ɔma honhom mu nnipa a wɔhwehwε sε wɔde aniteε ne nnaadaa sεe nnipa abrabɔ akwankyerε. Bɔne wiase yi nhyehyεeε ne yεn ara pε a εwɔ yεn mu bom yε adwuma bu Nyankopɔn pε a εwɔ yεn abrabɔ mu animtia. Wɔafrε yεn sε yεmma yεn ani nna hɔ na yεnwεn, nhunu ɔbonsam mmɔdemmɔ sε ɔsɔre tia yεn na ɔpira yεn. Yεbεtumi afa Honhom no so asi no kwan, berε a yεbata Nyankopɔn asεm nokorε no, po n’atorɔ berε a εba yεn so. Nyankopɔn bεma yεn ahoɔden berε a yεko gyidie ko pa no!
Muabɔ
Made with FlippingBook Ebook Creator