Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

96 • Ko Gyidie Ko Pa no

Kristo ho a εhia pa ara wɔ abakɔsεm nyinaa mu ne adasamma asetena nkyerεaseε mu frε yεn kɔ Yesu Kristo mu, ne so na yεnam kenkan Twerε Kronkron nyinaa firi mfitiaseε kɔsi awieeε. Sε Asεm no asɔfo no, εhia yie pa ara sε yεdɔ asukɔ wɔ Nyankopɔn baasakoro ayεsεm ne ne nkyerεkyerεmu a εwie pεyε wɔ Kristo dwumadie titire wɔ nnipa abakɔsεm yεkyerε a εso pa ara no mu – Nyankopɔn a ɔbεyε yεn mu baako gye wiase nkwa no ayεsεm. Nyankopɔn nkwagyeε ma yεn nyinaa asεntitire – a εnyε nkanyan atifinsεm, nkuranhyε akasafoɔ, anaa ayaresa asεnka kuntann – yi hia sε yεsane gye sε yεn asɔre nnyinasosεm. Yei nyε asomafoɔ no nko ara kwan a wɔde kenkan na wɔkyerεkyerε Twerεnsεm no, εsane yε tete agyanom kwan, εna, mpεn pii no, nsɔre a wɔyε tete-kɔsi-daakye som. ~ Robert E. Webber. Tete-kɔsi-Daakye Som: Nyankopɔn Amaneε ho Dawurobɔ ne Mmarahyε. Grand Rapids, MI: Baker Books, 2008, p. 121. Mmataho a εwɔ sε wosua na wosusu ho a εfa saa adesua yi ho na εdidi soɔ yi: Sεnea Wobεte Nyamesεm ho Nimdeε ase (Mma. 11) Sεnea Wobεte: Kristosom Abrabɔ ne Adansedie Anisoadehunu Nkabom ase (Mma. 12) Nasaretni Yesu: Daakye a Ɛwɔ Hɔ (Mma. 4) Yesu Kristo, Twerε Kronkron no Atifisεm ne Asεntitire (Mma. 22) Ma Nyankopɔn Nsɔre! “Nneεma” nson a εwɔ Awurade Hwehwε ne N’Adom Adesrε ho (Mma. 23)

Mmataho

Mommma mo amanehunu nsɔhwε yeayea no nyε mo nwanwa te sε deε adeε foforɔ bi na asie (1 Petro 4.12).

Nnyinasosεm a Ɛhia

Kenkan na susu nsεm ne adwene a εdidi soɔ yi ho, na gyina asuasεm a woasua wɔ soro no so ma mmuaeε ne nhumu wɔ wɔn gyinaeεsie ho. 1. “Merebɔ mmɔden sε mεte deε ‘regyina pintinn wɔ gyidie no mu’ kyerε ase, nanso mennye nni sε mete aseε.” Me ne ayɔnkofoɔ adesua kεseε bi fa Twerε Kronkron ho akyire no, na Okristoni kumaa bi resusu 1 Petro 5.8 9 asekyerε ho: Momma mo nyinaa ani nna hɔ na monhyε mo ho so, monyε ahwεyie daa na monwεn mmerε nyinaa. Mo tamfo, ɔbonsam no ankasa, nenam, hwehε Akristofoɔ sεdeε gyata a εkɔm de no bobom hwehwε n’aduane, hwε kwan sε ɔbεnya aboa bi a ɔyε mmerε amene no. Ɛsε sε mosi

Nsεm mu Nhwehwεmu

Made with FlippingBook Ebook Creator