Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

Adesua 7 Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko • 97

ɔbonsam kwan, gyina pintinn na wɔhunu mo wɔ mo gyidie mu. Ɛwɔ sε mohunu nso, sε, amanehunu korɔ a monam mu no ara bi na agyidifoɔ a wɔwɔ baabiara, wiase nyinaa nso nam mu. Na ɔrebɔ mmɔden sε ɔbεte deε woregyina pintinn wɔ gyidie mu aseε kyerε. Adesua no mu no, na wate sε ɔkandifoɔ no aka sε asεm “si kwan” wɔ asuasεm yi mu yε Greek kasa antistete , asεm korɔ a εwɔ Efesofoɔ 6.11-13 ne Yakobo 4.7 no. Ɛkyerε sε yε ɔnokwafoɔ, na fa wo ho to Nyankopɔn Asεm so, mpo berε a ayε sε sεdeε nneεma rekɔ ne deε wodwene bɔ abira. Na ɔrebrε, wɔ nsεmmisa dennen ho. “Ɛno kyerε sε mentumi anaa εnni sε megye akyinnyeε anaa? Na sε m’aba mu bu ε? Sε mewatiri na mehwe ase a – mεtumi asane asɔre anaa? Afotuo bεn na wode bεma saa onuabaa yi na wate nsusuiε no ase? 2. “Adεn nti na Nyankopɔn bεma ɔbonsam kwan ma wakɔ so ateetee na wapira yεn, wɔ berε a yεn Awurade Yesu adi nkonim no ama yεn dada?” Adeε baako a εyε den kεse ma agyidifoɔ afoforɔ ne sε wɔbεte deε enti a εhia ma agyidifoɔ sε wɔgyina pintinn wɔ wɔn gyidie mu tia ɔtamfo no atorɔ, berε a Yesu adi nkonim. Nokorε mu, Yesu adi ɔbonsam so nkonim wɔ Asεnnua no so (Kol. 2.15), na agyidifoɔ nam Odwammaa no mogya ne wɔn adansedie nsεm so adi ne so nkonim, a wɔnnɔ wɔn ara nkwa nkɔ owuo mu (Adi. 12.9-10). Ɛnneε, adεn nti na εsane hia sε wɔko? Adεn nti na Nyankopɔn rema ɔbonsam kwan na wako atia ne nkorɔfoɔ, berε a Yesu asεe ne nnwuma wɔ ne mmaeε a εdi kan no mu (1 Yohane 3.8)? (Asotire: Yesu kaa sε akoa nyε kεseε nkyεne ne wura, cf. Yohane 13.16.) 3. “Obiara nni hɔ a ɔbεtumi ate yea ne awerεhoɔ a mafa mu no ase. Obiara nni hɔ.” Sε yεhyia mmerε a εmu yε den, awerεhoɔ, anaa yεhwere adeε bi a, εyε a mpεn pii εyε yεn adwene sε obiara nkɔɔ nsɔhwε anaa amanehunu a εte sε yεn deε no mu da. Yea ne awerεhoɔ su yε ankasa ne kokoam; yεn pira ne ɔko bεtumi ayε kεseε ara ma yεasusu sε obiara ntee nka a yεte no bi da, na obiara ntumi nte yεn pira, ahometeε ne abamubuo mpεmpεnsoɔ a yεnam mu no ase. Asuansεm pii wɔ Twerε Kronkron mu a εkyerε sε εnyε sei na εteε. Sεdeε yεn amanehunu den teε biara, εte sε nsɔhwε ne amanehunu a agyidifoɔ afoforɔ a wɔwɔ wiase baabiara nam mu. Hwε deε Paulo ka kyerε Korintofoɔ no wɔ 1 Korintofoɔ 10.13: Nsɔhwε biara nni hɔ a aboro mo so a εyε sononko ma mo nko ara, a εbi ntoo afoforɔ. Na monhunu yei: Yεn Nyankopɔn yε nokwafoɔ – yεtumi de yεn ho to ne so, na ɔremma wɔnsɔ mo nhwε mmoro nsɔhwε a mo ahoɔden bεtumi agyina ano so. Berε biara, nsɔhwε biara mu, ɔbεma kwan a mode bεfiri, ɔkwan a mobεtumi de agyina na mokɔhyε ne tumi ase. Sεn na yεn nteaseε wɔ saa nokorε yi ho boa yεn ma yεgyina amanehunu ano wɔ mmerε a εmu yε den mu?

Made with FlippingBook Ebook Creator