Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

98 • Ko Gyidie Ko Pa no

Na momma yεmfa anigyeε aseda mma yεn Nyankopɔn a ɔnam yεn Awurade Yesu Kristo so de nkonim ma yεn sε nkonimdifoɔ (1 Kor. 15.57)! Wɔagye yεn afiri ɔbonsam tumi ase, afiri sum ahemman mu, nam Yesu mogya wɔ Asεnnua no so, agye yεn sε mma wɔ ahennie foforɔ mu, hoahoa yεn ho wɔ ne Dɔba no tumidie ne ahemman foforɔ mu (Kol. 1.13). Saa nkoimdie kεseε yi yε yεn dea, nanso εsε sε yεhunu sεdeε yεsi yεn tamfo no kwan, ka gyidie ɔko pa no ho, na yεpere sε akofoɔ wɔ ɔko yi mu. Monnwene mmea a wɔafrε mo sε monnyina Christus Victor (abodin a wɔde ma Yesu a asekyerε ne “nkonimdie yε Kristo dea”) ananmu – wɔ mo abusua mu, mo ayɔnkofoɔ ntam, wɔ mo mpɔtam, wɔ mo nnwuma so, ne wɔn a mohyia. Seesei moyε Kristo asraafoɔ (2 Tim. 2.1-8) na wɔafrε mo sε monnyina pintinn εmfa ho sε yεn tamfo no toa yεn daa daa. Nneεma a εwɔ sε yεdi kan sua wɔ saa ɔko yi mu baako ne sεdeε yεde yεn nsusuiε tae nkyerεkyerε a εwɔ Nyankopɔn Asεm mu akyi. Ɛnyε tebea a yεhyia na mmom nsusuiε a yεka kyerε yεn ho na εkyerε na εnya nkεntεnsoɔ wɔ deε yεte nka ne deε yεyε nyinaa so. Afei εsε sε yεtumi ka nokorε a εfa saa ɔko kεseε yi ho, εfa yεn nnipasu, εfa Kristo nkonimdie, na εfa nneεma a εhia a Awurade de ama yεn sε εbεboa ma yεanya nkonimdie kyerε yεn ho. Ɛnam sε nsusuiε a yεka kyerε yεn ho (nneεma a yεgye di) kyerε yεn nneyεε nti, εsε sε yεsua ɔkwan foforɔ koraa a yεde kasa kyerε yεn ho. Ɛsε sε yεsua sε yεne Nyankopɔn yε adwene, di Yesu nkonimdie wɔ ɔbonsam tumi so ho adanseε, na yεgye di sε sε yεbrε yεn ho ase ma Nyankopɔn na yεsi ɔbonsam atorɔ kwan a, ɔbonsam bεdwane. Hyε aseε seesei ara (εnnε), bisa Honhom Kronkron no sε ɔmma wo nhunu atorɔ a woagye adi daa no. Si gyianeε sε wobεma w’abrabɔ agyina nokorε a εwɔ Nyankopɔn Asεm mu ne wo nkonim wɔ Kristo mu so, εnyε sεdeε nneεma teε anaa sεdeε wote nka. Woresua nsusuiε akwan foforɔ bεgye berε, enti nya aboterε. Mpεn dodoɔ a wodi nokorε no ho adanseε na wogye nkonim a εyε wo dea wɔ Yesu mu no, wobεyε den kεse, na εma wo yε den kεse wɔ honhom mu ɔko no mu. Hyε aseε εnnε, na bisa Nyankopɔn sε ɔmma wo ahoɔden berε a wofa suban foforɔ, nneyεε foforɔ, ne adwene akwan foforɔ. Sε woyε saa a, wobεtena wɔ nkonim a Yesu adi ama wo no mu, asi abamubuo ne abufuo kwan, na woawie nyini wɔ wo Kristosom abrabɔ mu.

Nkitahodie

Mewɔ ɔtamfo a ɔhwε sε ɔbεbu m’abam wɔ m’ahemman adwuma ho, enti sε nsɔhwε ba a εnyε me nwanwa.

Adansedie

Wɔwoo Anslem a ɔfiri Canterbury (1033 – 1109) wɔ France, na akyire yi ɔbεyεε Asɔre kandifoɔ wɔ England. Wɔfrε no “Nwomanim yεfoɔ” εnam ne nkεntεnsoɔ wɔ nyamesεm ho nimdeε mu nti. Wagye din sε ɔno ne “Nyankopɔn asetena ho akyinnyeε” (kyerεkyerε mu sε Nyankopɔn te ase) yεfoɔ.

Mpaebɔ

Made with FlippingBook Ebook Creator