Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition
Adesua 7 Ɔtamfoɔ a Yεne No Ko • 99
Akwankyerε Mpaebɔ, Anslem O Awurade me Nyankopɔn, Kyerε m’akoma εnnε da yi baabi ne sεdeε mεhunu wo,
Baabi ne sεdeε mεhwehwε wo. Woayε me asane ayε me bio, Na woama me Nneεma pa a mewɔ nyinaa, Nso meda so nnim wo. Mennya nyεε deε Enti a wobɔɔ me. Kyerεkyerε me na menhwehwε wo, Ɛfiri sε merentumi nhwehwε wo Gye sε wokyerεkyerε me, Anaasε mεnya wo Gye sε wode wo ho kyerε me. Ma memfiri me pε mu nhwehwε wo, Ma me kɔn nnɔ wo wɔ mehwehwε mu. Ma memfa wo ho dɔ nhwehwε wo, Sε mehunu wo a ma mennɔ wo.
~ Don L. Davis. A Sojourner’s Quest. Wichita, KS: The Urban Ministry Institute, 2010, p. 98.
Ɔsoro Agya dɔfoɔ, Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne Agya, meda wo ase wɔ nkonim a wode ama wo mma wɔ ɔtamfo bonsam so. Ɔdɔ a wowɔ ma yεn maa wode wo Ba akyεdeε maae, na seesei wɔagye yεn afiri ne sum ahemman mu de yεn akɔ wo Ba no Ahemman mu. Wode me bɔne akyε me, namAsεnnua no mogya so ne me aka abom, na woama me nkwa a εnniawieeε wɔ ne din mu. Meda wo ase, Agya dɔfoɔ, sε seesei meyε wo ba, sε wo Honhom Kronkron di m’anim kyerε me kwan, na mεtumi anante nkonim mu wɔ Yesu din mu. Nni m’anim nkɔ nsɔhwε mu, na mmom gye me firi bɔne nyinaa mu. Me pε ara ne sε mεyi wo ayε na mahyε wo animuonyam wɔ sεdeε meteε ne deε meyε mu. Ma me adom εnnε sεdeε mεtumi asɔ w’ani, εfiri sε wo nko ara na wofata m’ayεyie. Wɔ Yesu din mu na mebɔ saa nneεma yi ho mpaeε, amen. Yεwɔ ɔfa a yεayi asi hɔ ama atwerε ne mfoniyε afidie nkekaho aboadeε wɔ www.tumi.org/sacredroots . Neil T. Anderson. Nkonimdie wɔ Esum no so . Bloomington, MN: Bethany House Nwomatintimbea, 2013
Akoma mu Sufrε kyerε Awurade
Ma Adesua Bebree
Made with FlippingBook Ebook Creator