Fight the Good Fight of Faith, Twi Edition

100 • Ko Gyidie Ko Pa no

Adesua a εdi soɔ mu no, wobεhwehwε Nneεma a Yεde Yε Adwuma a saa atifinsεm yi ka ho: 1. Nyankopɔn ma yεn akodeε sεdeε yεbεtumi agyina pintinn. 2. Ɛsε sε yεgye nokorε di na yεsɔre tia atorɔ. 3. Yεnam honhom mu nneyεε so ma yεn ahoɔden a yεde ko nyini.

Ma Adesua a Ɛdi soɔ

Yohane 16.33

Twerεsεm Nwegutirim Dwumadie

1. Nya botaeε sε wobεhwehwε saa nneεma yi mu, anyε koraa, mprεnsa wɔ nnawɔtwe a εdi soɔ yi mu. Sua sε wobεka nokorε akyerε wo ho, te sε woreka nokorε a εnyε den ma apue w’ano berε a wofa da no mu. Nhwεsoɔ, wobεtumi aka sε, “Meda wo ase, Ɔsoro Agya, sε wonam me gyidie a εwɔ Yesu Kristo mu so adi ɔbonsam ne n’akwan so nkonim wɔ m’abrabɔ mu” anaa “Saa nsusuiε yi mfiri Awurade. Ɛyε atorɔ, na mennye ntom.” Wobεfa nsusuiε nneyεε afoforɔ berε a wonante gyidie mu wɔ da no mu. 2. Ɔkwan baako a yεnam so ka ɔbonsam guo yε akɔmkyene. Akɔmkyene ne sε wogyae adidie anaa dwumadie bi a wotaa yε na woma w’adwene kɔ Nyankopɔn ne gyidie ɔko pa no so sononko. Gyae aduane baako na bɔ mpaeε, sua adeε na susu Nyankopɔn ho. (Sε wo ara w’apɔmuden sintɔ mma wo ntumi nnyae aduane baako a, εnneε gyae tεlεbihyεn dwumadie baako hwε anaa anigyedeε dwumadie bi a woahyehyε.) 3. Twerε w’akɔmkyene suahunu wɔ wo nsεmma nwoma mu na wo ne ogyidini bi a wawie nyini wɔ asɔre no mu nsusu ho. 4. Hyehyε w’akɔmkyene a εdi soɔ na fa ka wo nhyehyεeε ho.

Made with FlippingBook Ebook Creator